Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Reis 19

Elia Dwane Bepɔ Sinai So

1 Ɛberɛ a Ahab duruu fie no, ɔkaa deɛ Elia ayɛ nyinaa ne sɛdeɛ wakunkum Baal adiyifoɔ nyinaa no kyerɛɛ Isebel. 2 Enti, Isebel de saa nkra yi kɔmaa Elia , "ɔkyena sɛsɛɛ na menkum wo, sɛdeɛ woakum nkurɔfoɔ yi a, anyame no nku me bi."

3 Elia tee nkra no, ɔsuroeɛ, enti ɔdwane de peree ne ti. Ɔkɔɔ kuro bi a ɛwɔ Yuda a wɔfrɛ no Beer-Seba, gyaa ne ɔsomfoɔ . 4 Na ɔno nko ara nantee da mu nyinaa kɔɔ ɛserɛ so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmm ase, na ɔbɔɔ mpaeɛ anka ɔnwu. Ɔkaa , "Deɛ mahunu no ara dɔɔ me so, Awurade. Twa me nkwa so na mennyɛ nsene mʼagyanom."

5 Na ɔdaa dua no ase.

Na ne nna mu no, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, ka kyerɛɛ no , "Sɔre na didi." 6 Ɔhwɛɛ ne ho hyiaeɛ hunuu burodo bi a wɔato no ogyasramma so, ne kuruwa a nsuo mu. Enti, ɔdidiiɛ, nom nsuo no, sane daa bio.

7 Na Awurade ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa no kaa , "Sɔre na didi pii ka ho, na ɛkwan a ɛda wʼanim no ware." 8 Enti, ɔsɔre didiiɛ, nomee. Aduane no maa no nyaa ahoɔden a ɔde bɛtwa ɛkwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb19.8 Herob yɛ Sinai Bepɔ no din foforɔ a ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so. 9 Ɔkɔduruu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no.

Awurade Kasa Kyerɛ Elia

Na Awurade bisaa no , "Elia, ɛdeɛn na woreyɛ ha?"

10 Elia buaa , "Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso."

11 Awurade ka kyerɛɛ no , "Firi adi kɔgyina mʼanim bepɔ no so." Na ɛberɛ a Elia gyina no, Awurade bɛfaa , na mframa denden bi sii bepɔ no mu.

Na mframa no ano den no dwidwaa abotan no mu. Nanso, na Awurade nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asase wosooɛ. Nanso, na Awurade nni asasewosoɔ no mu. 12 Na asasewosoɔ no akyi, ogya pueeɛ. Nanso, na Awurade nni ogya no mu. Na ogya no akyi, nne bi a ɛyɛ bɔkɔɔ te deɛ wɔde ka asomusɛm baeɛ. 13 Elia tee nne no, ɔde nʼatadeɛ kataa nʼanim19.13 Elia kataa nʼanim, ɛfiri sɛ, obiara nhunu Onyankopɔn na ɔnnya nkwa ɛnna ɔfiri ɔbodan no mu, kɔgyinaa ano kwan no ano.

Na nne bi bisaa , "Elia, ɛdeɛn na woreyɛ ha?"

14 Ɔbuaa bio , "Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso."

15 Na Awurade ka kyerɛɛ no , "Sane wʼakyi baabi a wofiri baeɛ, na Damasko ɛserɛ so. Na woduru a, sra Hasael ngo, si no Aramhene. 16 Afei, sra Nimsi babarima Yehu, na ɔnyɛ Israelhene, na sra Safat babarima Elisa a ɔfiri Abel-Mehola, na ɔnsi wʼananmu me odiyifoɔ. 17 Obiara a ɔbɛdwane afiri Hasael ho no, Yehu bɛkum no, na obiara a ɔbɛdwane afiri Yehu ho nso no, Elisa bɛkum no. 18 Yeinom akyi no, mɛbɔ nnipa afoforɔ mpem nson bi a wɔwɔ Israel a wɔnkotoo Baal, mfee nʼano da no ho ban."

Elisa Frɛ

19 Na Elia kɔhunuu Safat babarima Elisa ɔde anantwie refuntum afuo. Na anantwie mpamho dubaako na wɔdi nʼanim, ɛnna Elisa nso de mpamho a ɛtɔ so dumienu refuntum. Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtoo nʼatadeɛ guu ne mmati so, na ɔsane nʼakyi kɔeɛ. 20 Elisa gyaa anantwie no , tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no , "Deɛ ɛdi ɛkan no, ma menkɔkra mʼagya ne me maame ansa na me ne wo akɔ."

Elia buaa , "Sane wʼakyi na . Na deɛ mayɛ wo no, dwene ho."

21 Afei, Elisa sane kɔɔ anantwie no ho kɔkunkumm wɔn. Ɔde funtumfidie no ho nnua no yɛɛ nnyensin de totoo ɛnam no. Ɔde ɛnam no kɔmaa mmarima a wɔde funtumfidie a aka no reyɛ adwuma no nyinaa, ma wɔweeɛ. Na ɔne Elia kɔeɛ ne ɔboafoɔ.

Veja também