Publicidade

1 Reis 20

Ben-Hadad To Hyɛ Samaria So

1 Yeinom akyi, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakodɔm ano, a nteaseɛnam ne apɔnkɔ a wɔyɛ ahemfo aboafoɔ aduasa mmienu dea ka ne ho. Wɔkɔtuaa Israel kuropɔn Samaria, to hyɛɛ so. 2 Ben-Hadad somaa abɔfoɔ kɔɔ kuro no mu wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Ahab , "Ben-Hadad se, 3 Mo dwetɛ ne mo sikakɔkɔɔ me dea. Saa ara na mo yerenom ne mo mma mu papa no nso me dea.’ "

4 Ahab buaa , "Mate, me wura! Deɛ mewɔ nyinaa wo dea."

5 Ankyɛre biara Ben-Hadad abɔfoɔ sane baa bio bɛkaa , "Ben-Hadad se, Maka dada momfa mo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, mo yerenom ne mo mma mma me. 6 Ɔkyena sɛsɛɛ, mɛsoma me mpanimfoɔ, na wɔabɛhwehwɛ mo ahemfie ne mo nkurɔfoɔ afie. Na biribiara a ɛsom bo ma mo no, wɔbɛfa de akɔ.’ "

7 Na Ahab frɛɛ asase no so ntuanofoɔ no nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn , "Monhwɛ sɛdeɛ saa ɔbarima yi ɔde ɔhaw ba. Mapene so dada mede me yerenom, me mma, me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ bɛma no."

8 Ntuanofoɔ ne nnipa no nyinaa kaa , "ɔbisaa biribi foforɔ biara bio a, mfa mma no."

9 Enti, Ahab ka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔfiri Ben-Hadad nkyɛn baeɛ no , "Monkɔka saa asɛm yi nkyerɛ me wura ɔhene , Biribiara a ɔbisaa kane no deɛ, mede bɛma no. Na deɛ ɔbisaa no akyire no deɛ, merentumi mfa mma no.’ " Enti, Ben-Hadad abɔfoɔ no sane kɔbɔɔ no amaneɛ.

10 Na Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ Ahab , "mansɛe Samaria pasaa, na emu mfuturo dodoɔ bi ka a ɛbɛboro asraafoɔ no mu biara nsabuo ma a, anyame no ntwe mʼaso denden so."

11 Israelhene nso soma ma wɔkɔka kyerɛɛ no , "Ɛnsɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a ɔrefa nʼakofena akɔ akono, tu ne ho ɔkofoɔ kɛseɛ a wadi nkonim dada."

12 Ahab mmuaeɛ yi duruu Ben-Hadad ne ahemfo a wɔaka no asom ɛberɛ a na wɔrenom nsã wɔn ntomadan mu. Ɔhyɛɛ ne mmarima no , "Monsiesie mo ho nkɔko." Enti, wɔsiesiee wɔn ho wɔrekɔto ahyɛ kuropɔn no so.

Ahab Di Ben-Hadad So Nkonim

13 Na odiyifoɔ bi bɛhunuu ɔhene Ahab ka kyerɛɛ no , "Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, Wohunu saa atamfoɔ dɔm yi? Ɛnnɛ, mede wɔn bɛhyɛ wo nsa. Na wobɛhunu mene Awurade.’ "

14 Ahab bisaa , "Na sɛn na ɔbɛyɛ no?" Na odiyifoɔ no buaa , "Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, Akodɔm asahene a wɔtuatua amansini ano no na wɔbɛyɛ.’ "

Ahab bisaa , "Enti, yɛnni ɛkan nto nhyɛ wɔn so?"

Odiyifoɔ no buaa , "Aane."

15 Enti, Ahab boaboaa ɔmansin no asahene ahanu aduasa mmienu akodɔm ano. Afei, ɔfrɛɛ nʼakodɔm a wɔaka a wɔn dodoɔ mpem nson no. 16 Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ a Ben-Hadad ne nʼapamfoɔ ahemfo aduasa mmienu gu so reboro nsã wɔn ntomadan mu no, 17 amansini asahene akodɔm no tuu nten, firii kuro no mu. Wɔrebɛn no, Ben-Hadad akwansrafoɔ ka kyerɛɛ no , "Akodɔm bi firi Samaria reba."

18 Ben-Hadad hyɛɛ , "wɔbaa asomdwoeɛ anaa ɔko so a, monkyere wɔn anikann."

19 Nanso, saa ɛberɛ no, na Ahab amansini asahene no adi akodɔm no anim, ɔko no. 20 Na Israel ɔsraani biara kumm ne ɔtamfoɔ Aram ɔsraani a ɔne no dii asie. Ɛno enti, amonom ara, Aram asraafoɔ no bɔɔ hu, dwaneeɛ. Israelfoɔ no taa wɔn, nanso ɔhene Ben-Hadad ne ne nkurɔfoɔ kakra bi deɛ, wɔtenaa apɔnkɔ so dwaneeɛ. 21 Nanso wɔsɛee apɔnkɔ ne nteaseɛnam a ɛkaa no nyinaa, kunkumm Aramfoɔ no.

22 Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ Ahab , "Siesie wo ho ma ɔko foforɔ na Aramhene bɛba osutɔberɛ mu."

Ben-Hadad Ntohyɛsoɔ A Ɛtɔ So Mmienu

23 Wɔdii Ben-Hadad so no, ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ no , "Israel anyame no mmepɔ anyame, na ɛno enti na ɛma wɔdii nkonim no. Na wɔduru tata so a, yɛbɛdi wɔn so nkonim a yɛremmrɛ ho koraa. 24 Deɛ ɛho hia ara ne , saa ɛberɛ yi, ɛsɛ wode akono asahene sisi ahemfo no ananmu. 25 Momfa asraafoɔ foforɔ a wɔn dodoɔ te wɔn a wohweree wɔn no ara. Ma yɛn apɔnkɔ no dodoɔ, nteaseɛnam ne mmarima dodoɔ saa ara, na yɛbɛtumi ne wɔn adi asie tata so. Akyinnyeɛ biara nni ho yɛbɛdi wɔn so." Enti, ɔhene Ben-Hadad yɛɛ wɔn abisadeɛ maa wɔn.

26 Na afe so no, ɔfrɛɛ Aram asraafoɔ, tuu nten kɔɔ Israelfoɔ so Afek wɔne wɔn rekɔko. 27 Israel boaboaa nʼasraafoɔ ano, twaa sa, de wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu. Na wɔde Israel akodɔm no toto Aram akodɔm no dodoɔ a wɔahyɛ ma no ho a, na Israel akodɔm no dodoɔ te mmirekyikuo nketewa mmienu bi.

28 Onyankopɔn onipa no kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Aramfoɔ no aka , Awurade mmepɔ Awurade na ɔnyɛ tata so Awurade. Enti, mɛboa wo ma woadi akodɔm buburugyaa yi so. Na ɛbɛma woahunu , mene Awurade no.’ "

29 Asraadɔm mmienu yi bobɔɔ wɔn atenaeɛ, ma ɛdii nhwɛanimu nnanson. Na nnanson so no, ɔko no hyɛɛ aseɛ. Ɛda no ara, Israelfoɔ no kunkumm Aram anammɔntwa asraafoɔ no ɔpeha. 30 Nkaeɛ no dwane kɔtɛɛ Afek ɔfasuo akyi, nanso ɔfasuo no bu guu wɔn so, kumm ɔpeduonu nson. Ben-Hadad dwane kɔtɛɛ kɔkoam dan bi mu kuro no mu.

31 Ben-Hadad mpanimfoɔ ka kyerɛɛ no , "Owura, yɛate Israel ahemfo ahummɔborɔ. Ɛno enti, momma yɛmfira ayitoma, mfa ahoma mmɔ yɛn ti ase, mfa nkyerɛ ahobrɛaseɛ. Na ebia, ɔhene Ahab bɛma woatena ase."

32 Enti, wɔfirafiraa ayitoma, de nhoma bobɔɔ wɔn ti, kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔsrɛɛ no , "Wo ɔsomfoɔ Ben-Hadad se, Mesrɛ wo, ma me ntena nkwa mu.’ " Israelhene no bisaa , "Ɔda so te ase anaa? Ɔyɛ me nuabarima!"

33 Mmarima no yɛɛ ntɛm sɔɔ anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ yi mu, buaa , "Aane, wo nua Ben-Hadad."

Israelhene no ka kyerɛɛ wɔn , "Monkɔfa no mmra." Ɛberɛ a wɔde Ben-Hadad baeɛ no, Ahab ma ɔkɔtenaa ne teaseɛnam mu.

34 Ben-Hadad ka kyerɛɛ no , "Mede nkuro a mʼagya gye firii wʼagya nsam no bɛsane ama wo, na woahyehyɛ adwadie Damasko, sɛdeɛ mʼagya yɛɛ Samaria no."

Na Ahab kaa , "Saa nhyehyɛeɛ yi so na mɛgyina na magyaa wo." Enti, wɔyɛɛ apam, na wɔgyaa Ben-Hadad.

Odiyifoɔ Bi Bu Ahab Atɛn

35 Ɛberɛ no ara mu, Awurade see adiyifokuo no mu baako , ɔnka nkyerɛ ɔfoforɔ , "Fa wʼakodeɛ no me." Nanso wanyɛ.

36 Na saa odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ɔfoforɔ no , "woantie Awurade nne enti, wofiri ha ara a, gyata bɛkye wo, akum wo." Ampa ara, ɔfirii ara na gyata kyeree no kumm no.

37 Na odiyifoɔ no kɔɔ ɔbarima foforɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Fa wʼakodeɛ yi me." Ɔno deɛ, ɔbɔɔ odiyifoɔ no, piraa no.

38 Odiyifoɔ no twɛn ɔhene no kwankyɛn a ɔde ntomaban akyekyere nʼani, de pɛɛ ɔsakyera ne ho. 39 Ɔhene no retwam no, odiyifoɔ no frɛɛ no , "Owura, na mewɔ akono na ɔbarima bi de odeduani brɛɛ me. Ɔkaa , Wɛn saa ɔbarima yi, na biribi enti ɔdwane a, wɔbɛkum wo anaasɛ wɔbɛbɔ wo ka dwetɛ kilogram aduasa nwɔtwe.40 Na ɛberɛ a mʼani abere redi dwuma bi no, odeduani no dwaneeɛ. Na ɔhene no kaa , Ɛyɛ wʼankasa wo mfomsoɔ. Wo ara woabu wo ho atɛn.’ "

41 Ɛhɔ ara na odiyifoɔ no sanee ntomaban no firii nʼani, na Israelhene no hunuu no ɔyɛ adiyifoɔ no mu baako. 42 Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no , "Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Esiane woagyaa ɔbarima a mekaa , ɛsɛ wɔkum no no enti, ɛsɛ wɔkum wo seesei si nʼanan mu. Na anka ɛsɛ ne nkurɔfoɔ na mokunkum wɔn, na mmom, wo nkurɔfoɔ na wɔbɛkunkum wɔn." 43 Enti, Israelhene a ne bo afu ne ho no kɔɔ Samaria.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-