Publicidade

1 Reis 3

5 Anadwo no, Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo daeɛ mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no , "Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo."

6 Salomo kaa , "Woada adɔeɛ kɛseɛ pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, ɛfiri , na ɔdi wo nokorɛ, ɔteneneeni a nʼakoma mu nso da . Woatoa so ayɛ no saa adɔeɛ kɛseɛ yi ara, na ɛnnɛ yi ara, woama no ɔbabarima ɔntena nʼahennwa nso so.

7 "Afei, Ao Awurade, me Onyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene,3.7 Salomo dii adeɛ sɛ ɔhene no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduonu. mensi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abɔfra ketewaa bi a mennim sɛdeɛ mɛsi ayɛ mʼadwuma. 8 Ɛha na wʼakoa abɛduru nnipa a woapa wɔn no mu; nnipa a wɔn dodoɔ enti, obi ntumi nkan wɔn. 9 Ɛno enti, ma wʼakoa nhunumu akoma a ɔbɛtumi de adi wo nkurɔfoɔ so, na ɔbɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Na hwan koraa na ɔno nko ara bɛtumi adi saa ɔman a wɔdi mu, a wɔyɛ wo dea yi so?"

10 Awurade ani sɔɔ Salomo mmuaeɛ no, na nʼani gyee ɔbisaa nyansa. 11 Enti, Awurade buaa , "Esiane woabisa nyansa a wode bɛdi me manfoɔ so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa wo ɔtamfoɔ bi nwu no enti, 12 mede deɛ woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne nteaseɛ a obiara nnyaa bi da, na obiara nso nnya bi da.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-