Publicidade

2 Reis 3

Moab Ne Israel Ɔko

1 Ahab babarima Yoram na ɔdii ɔhene Israel ɛberɛ a na Yudahene Yehosafat adi adeɛ mfeɛ dunwɔtwe Yuda no. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ dumienu. 2 Ɔyɛɛ Awurade ani so bɔne. Nanso, na nʼamumuyɛ no nte nʼagya ne ne maame deɛ no. Ɔsɛee Baal adum kronkron a nʼagya siiɛ no. 3 Nanso ɔtoaa ahonisom so, sɛdeɛ Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛɛ no.

4 Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfoɔ yɛn nnwan. Na wɔtua apeatoɔ a ɛyɛ nnwan mma ɔpeha ne nnwennini ɔpeha ho nwi ma Israelhene afe biara. 5 Nanso, Ahab wuo akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene. 6 Enti, ɔhene Yoram firii Samaria boaboaa Israel akodɔm ano. 7 Ɛkwan so no, ɔtoo nkra yi kɔmaa Yudahene Yehosafat , "Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako anaa?"

Na Yehosafat buaa , "Adɛn enti na meremmoa wo. Wo ne me anuanom, na mʼakodɔm wo dea na wotumi di wɔn anim. Mpo mʼapɔnkɔ da wo da."

8 Na Yehosafat bisaa , "Ɛkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?"

Yoram buaa , "Yɛbɛtoa wɔn afiri Edom3.8 Yei kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ wɔfiri atɔeɛ fam tware fa Nkyene Po na wɔtumi kɔtua Moab firi anafoɔ fam. Ɛno enti na ɛsɛ sɛ wɔfa Edom mantam a na Yuda di so no mu. ɛserɛ so."

9 Edomhene3.9 Nokorɛm, na Edomhene yɛ amrado a Yehosafat na ɔyii no (8.20; 1 Ah 22.48). ne nʼakodɔm kɔkaa wɔn ho, na asraadɔm mmiɛnsa no de nnanson twaa ntwahokwan a ɛfa ɛserɛ so no. Nanso, na nsuo nni ma mmarima no anaa wɔn mmoa.

10 Israelhene teaam bisaa , "Yɛnyɛ yɛn ho ɛdeɛn? Awurade de yɛn baasa aba ha Moabhene nni yɛn so."

11 Nanso, Yudahene Yehosafat bisaa , "Enti Awurade odiyifoɔ biara nka yɛn ho ha? wɔn mu bi ha a, yɛbɛtumi abisa Awurade deɛ yɛnyɛ."

Ɔhene Yoram mpanimfoɔ no mu baako kaa , "Safat babarima Elisa ha. Na ɔyɛ Elia ɔboafoɔ."

12 Enti, Yehosafat kaa , "Ɛnneɛ, Awurade bɛtumi akasa afa ne so." Na Israelhene, Yudahene ne Edomhene kɔɔ Elisa nkyɛn abisa.

13 Elisa ka kyerɛɛ Israelhene , "Wo ho nhia me. wʼagya ne wo maame adiyifoɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn." Nanso, ɔhene Yoram kaa , "Dabi! Na ɛyɛ Awurade na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha, Moabhene nsɛe yɛn!"

14 Na Elisa buaa , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade Otumfoɔ a mesom no te ase yi, ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mebu no a, anka merenha me ho wo ho. 15 Afei, ma obi a ɔbɛtumi abɔ sankuo mmra."

Ɛberɛ a wɔrebɔ sankuo no, Awurade tumi baa Elisa so, 16 ma ɔkaa , "Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Saa bɔnhwa a emu nsuo awe yi, wɔde nsuo bɛhyɛ no ma. 17 Worenhunu mframa anaa osuo sɛdeɛ Awurade ka no, nanso saa bɔnhwa yi, wɔbɛhyɛ no nsuo ma. Mobɛnya bi ama mo ho, mo anantwie ne mo mmoa a aka no. 18 Na yei ade kumaa bi ma Awurade. Ɔbɛma moadi Moab akodɔm so nkonim. 19 Mobɛdi wɔn nkuropɔn papa so nkonim, mpo, nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no. Mobɛtwitwa wɔn nnua nyinaa agu. Mobɛsisi wɔn nsuo aniwa, na mode aboɔ asɛe wɔn nsase pa."

20 Na adeɛ kyeeɛ; ɛduruu ɛberɛ a wɔbɔ anɔpa afɔdeɛ no, nsuo puee prɛko . Na ɛtene firii Edom, na ankyɛre biara na nsuo abu baabiara.

21 Ɛberɛ a Moabfoɔ tee akodɔm mmiɛnsa reba wɔn so no, wɔn nso boaboaa mmarima a wɔbɛtumi ako, mmɔfra ne mpanin ano, de wɔn sisii wɔn ahyeɛ so. 22 Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔreeɛ no, na owia no abɔ nsuo no so, ama ani abere mogya. 23 Moabfoɔ no teaam , "Ɛyɛ mogya. Akodɔm mmiɛnsa no atwa wɔn ho ako, akunkum wɔn ho wɔn ho! Momma yɛnkɔfo asadeɛ no!"

24 Ɛberɛ a wɔduruu Israelfoɔ nsraban mu no, Israel akodɔm gyee bum, kɔtoaa Moabfoɔ, ma wɔdwaneeɛ. Israel akodɔm no taa wɔn kɔduruu Moab asase so. Wɔgu Moabfoɔ no so nyinaa no, na wɔresɛe wɔn nneɛma. 25 Wɔsɛee wɔn nkuro akɛseɛ, de aboɔ kataa wɔn nsase pa so, sisii asutire nyinaa, twitwaa nnua pa nyinaa. Kir-Haraset nko ara na ɛkaeɛ, na ɛno mpo, wɔto hyɛɛ so.

26 Ɛberɛ a Moabhene hunuu ɔredi nkoguo no, ɔdii nʼakofoɔ ahanson anim, miaa wɔn ho, pɛɛ wɔpem fa atamfoɔ no nsraban a ɛbɛn Edomhene no mu, nanso wɔantumi. 27 Enti, ɔfaa ne babarima panin a anka ɛsɛ ɔdi nʼadeɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ afasuo no ho. Yei enti, abufuo kɛseɛ baa Israel so, na wɔsane wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-