Publicidade

Deuteronômio 15

Aka Mu Twa

1 Mfirinhyia nson biara awieeɛ, montwa mo aka mu. 2 Ɛkwan a ɛsɛ mofa so nie: Ɛsɛ boseabɔni biara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, ɔde kyɛ no. Ɛnsɛ wɔdan wɔn yɔnko anaa wɔn busuani ka, ɛfiri , Awurade ɛberɛ a wɔde bosea kyɛ no aduru. 3 Saa bosea a wɔtwa mu yi ka mo yɔnkonom Israelfoɔ nko ara. Ahɔhoɔ a wɔte mo mu no nka ho. 4 Ɛnsɛ ahiafoɔ ba mo mu ɛfiri , Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo asase a ɔde rema mo mo agyapadeɛ sononko no so. 5 moto mo bo ase di Awurade mo Onyankopɔn mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so a, mobɛnya saa nhyira yi. 6 Awurade mo Onyankopɔn bɛhyira mo sɛdeɛ wahyɛ mo no. Mobɛbɔ aman bebree bosea nanso mo deɛ, morenkɔ aboseabɔ da. Mobɛdi aman bebree so nanso wɔrenni mo so.

7 moduru nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so na ahiafoɔ a, mommpirim mo akoma anaa mommma mo nsam nyɛ den wɔn so. 8 Mmom, mongo mo nsam na momfɛm wɔn deɛ ɛhia wɔn. 9 Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi mo tirim ɛka mu twa berɛ no reyɛ aduru so enti, obi bɛbisa mo bosea a moremma no. moammɔ ahiafoɔ no bosea na wɔsu frɛ Awurade a, wɔbɛbu mo moayɛ bɔne. 10 Momma no akoma pa mu na Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo ne biribiara a mobɛyɛ so. 11 Ɛberɛ biara, mobɛhunu ahiafoɔ mo mu. Ɛno enti na merehyɛ mo , biribiara a mowɔ no, mo ne ahiafoɔ ne mo nuanom Israelfoɔ nkyɛ.

Asomfoɔ Ahofadie

12 wo nua Hebrini barima anaa ɔbaa tɔn ne ho ma wo na ɔsom wo mfirinhyia nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, gya no ɛkwan. 13 Na woregya no ɛkwan a, mma no nkɔ nsapan. 14 Fa nsa a emu go gya no ɛkwan na ma no wo nnwan no, wʼayuporebea mu adeɛ ne wo nsakyimena mu adeɛ bi. Wo ne no nkyɛ wʼadonneɛ bi a Awurade, wo Onyankopɔn, de ahyira wo no bi. 15 Monkae na moyɛ nkoa Misraim na Awurade, mo Onyankopɔn yii mo firii . Ɛno enti na mede saa mmara yi rema mo ɛnnɛ yi.

16 Na ɛba wʼakoa ka kyerɛ wo , "Merennya wo nkɔ", ɛfiri , ɔpɛ wo ne wʼabusuafoɔ asɛm na ne ho no wo nkyɛn a, 17 ɛnneɛ, fa fitiiɛ bɔne nʼaso mu na ɔnyɛ wʼakoa daa. Wo mfenaa nso, wɔn saa ara.

18 Mma no nyɛ wo ya woregyaa wʼasomfoɔ no ama wɔafa wɔn ho akɔdie. Monkae , mfeɛ nsia ni no, wɔasom wo a wokɔfaa apaafoɔ wɔnsom wo a, anka wobɛtua apaafoɔ no sika mmɔho mmienu, na Awurade mo Onyankopɔn bɛhyira mo biribiara a moyɛ ho.

Mmoa Mmakan

19 Mo anantwie ne mo nnwan mmakan anini no, monyi nsi mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mo anantwie mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuo mu nkɔyɛ nnwuma na monntwitwa mo nnwan mmakan ho nwi nso. 20 Mmom, mo ne mo abusuafoɔ, afe biara, monnwe saa mmoa yi baabi a Awurade, mo Onyankopɔn bɛyi ama mo no nʼanim. 21 Na ɛba abakan no bi adi dɛm, ebia, ɔtɔ apakye anaa nʼani afira anaa wadi ɛdɛm foforɔ bi a, mommfa no mmɔ afɔdeɛ mma Awurade mo Onyankopɔn. 22 Mmom, momfa no nyɛ aduane mma abusuafoɔ fie. obi ho te o, ne ho nte o, ɔtumi di bi sɛdeɛ obiara tumi we ɔtwe anaa ɔdabɔ nam no. 23 Nanso, monnni mogya no. Monhwie ngu fam te nsuo.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-