Pular para o conteúdo
Publicidade

Deuteronômio 21

Awudie A Wɔnnim Owudifoɔ No Ho Mpata

1 wɔhunu wɔakum obi da afuom asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so, na monnim owudifoɔ no a, 2 mo ntuanofoɔ ne atemmufoɔ bɛkɔ akɔsusu ɛkwan a ɛda deɛ owufoɔ no da ne kuro a ɛbɛn no ntam. 3 Afei, mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro a ɛbɛn owufoɔ no pɛɛ no mfa nantwie ba a ɔnyɛɛ adwuma da na ɔntwee funtumfidie da, 4 na wɔnni nʼanim mfa no nkɔ subɔnhwa a wɔmfuntum anaa wɔnnuaa hwee da na nsuo resene mu mu. Subɔnhwa no mu na ɛsɛ wɔbu nantwie ba no kɔn mu. 5 Lewifoɔ asɔfoɔ bɛba , ɛfiri , Awurade, mo Onyankopɔn, ayi wɔn wɔnka asɛm na wɔnhyira Awurade din mu. Na wɔn na wɔsi asɛnnie ne asotwe so dua. 6 Kuro a ɛbɛn efunu no mu mpanimfoɔ no, ɛsɛ wɔhohoro wɔn nsa gu nantwie ba a wɔbuu ne kɔn mu no so. 7 Na afei wɔbɛka , "Ɛnyɛ yɛn nsa na yɛhwiee mogya yi guiɛ na yɛanhunu nso. 8 Ao, Awurade, fa kyɛ wo ɔman Israel a wogyee wɔn no. Mfa mogya a ɛdi bem yi ho so nto wo nnipa Israel so." Wɔwie yei a, na ɛkyerɛ , wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afiri wɔn so. 9 wɔdi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ deɛ ɛtene Awurade ani so a, na moayi awudie no ho afɔbuo afiri mo atenaeɛ .

Mmaa Nnommumfoɔ Awadeɛ

10 mokɔ ɔko tia mo atamfoɔ na Awurade mo Onyankopɔn dane wɔn hyɛ mo nsa na mofa wɔn nnomum, 11 na wɔn mu no, mohunu ɔbaa ɔhoɔfɛfoɔ bi a mopɛ mofa no ɔyere a, motumi ware no. 12 Momfa no mmra mo fie na monyi ne ti, ntwitwa ne mmɔwerɛ, 13 na monyi ntadeɛ a na ɛhyɛ no ɛberɛ a mokyeree no no ngu . Na watena mo fie asu nʼagya ne ne maame bosome akyi no, motumi ne ho ma ɔyɛ ɔyere. 14 mo ani nnye ne ho a, momma no nkɔ baabiara a ɔpɛ ɔkɔ. Monntɔn no na monnyɛ no afenaa, ɛfiri , moagu nʼanim ase.

Abakan Ho Asɛm

15 ɔbarima yerenom baanu na ɔdɔ ɔbaako kyɛn deɛ ɔka ho no, na wɔn baanu no nyinaa, wɔn mu biara ne no ɔbabarima nanso nʼabakan no ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no babarima, 16 na ɔhyɛ nsamanseɛ de ma ne mmammarima a, ɛnsɛ ɔde kyɛfa kɛseɛ no ma ɔbabarima kumaa a ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no babarima. 17 Ɔbɛfa ne babarima a ɔyɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no nʼabakan no, na wanam so ama no nʼagyapadeɛ no mmɔho mmienu. Saa ɔbabarima no nʼagya no ahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan. Ɛno enti, abakan kyɛfa ne dea.

Ɔbabarima A Ɔte Atua

18 ɔbarima bi ɔbabarima a ɔyɛ asoɔden ne otuatefoɔ a ɔntie nʼagya ne ne maame asɛm a nso wɔtene ne so a, 19 deɛ ɛsɛ ɛba ara ne , agya no ne maame no de wɔn babarima no bɛkɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ kuro no so no anim. 20 Ɛsɛ wɔpae mu ka , "Yɛn babarima yi asoɔden ne otuatefoɔ a ɔntie yɛn asɛm. Ɔyɛ onipa teta kɔwensani." 21 Ɛba saa a, ɛsɛ mmarima a wɔwɔ kuro no mu nyinaa si no aboɔ kum no. Ne saa no, monam so bɛpamo saa bɔne a aba mo mu no, na Israel nyinaa bɛte, na abɔ wɔn hu.

Mmara Ahodoɔ

22 obi amumuyɛsɛm bi a ɛfata owuo na enti wɔkum no na wɔde no sɛn dua so a, 23 ɛnsɛ ɔsɛne dua no so ma adeɛ kye so. Ɛsɛ ɛda no ara, wɔsie amu no, ɛfiri , obiara a wɔsɛn no dua so saa no Onyankopɔn nnome. Monngu asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo agyapadeɛ sononko no ho fi.

Veja também