Publicidade

Deuteronômio 30

Awurade Nkyɛn Ba Ho Kɔkɔbɔ

1 nhyira ne nnome a mede ato mo anim no nyinaa ba mo so baabiara a Awurade mo Onyankopɔn bɛhwete mo akɔ aman no mu, 2 na mo ne mo mma sane ba Awurade, mo Onyankopɔn, nkyɛn, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa ɔsetie ma no sɛdeɛ merekyerɛ mo ɛnnɛ yi a, 3 ɛnneɛ, Awurade, mo Onyankopɔn de mo akradeɛ bɛma mo, na wahunu mo mmɔbɔ, na waboaboa mo ano bio afiri amanaman a ɔbɔɔ mo hwete kɔɔ so no nyinaa, asane de mo aba bio. 4 mpo, wɔapam mo akyirikyiri asase bi a ɛwɔ ɔsoro ase a, ɛfiri no, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛboaboa mo ano asane de mo aba bio. 5 Awurade Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɛyɛ mo agyanom dea so, na moafa agyapadeɛ. Ɔbɛma mo adi yie na mo adɔɔso asene mo agyanom. 6 Awurade, mo Onyankopɔn, bɛtene mo ne mo asefoɔ akoma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mode mo akoma ne mo kra nyinaa bɛdɔ no na moatena. 7 Awurade, mo Onyankopɔn, de saa nnome yi nyinaa bɛgu mo atamfoɔ ne wɔn a wɔtaa mo no so. 8 Afei, mobɛsane atie, adi Awurade mmara a mede rema mo ɛnnɛ no so. 9 Awurade, mo Onyankopɔn, bɛma biribiara a moyɛ no asi mo yie. Ɔbɛma mo mma pii. Mo nyɛmmoa bɛdɔɔso. Na mo mfuo mu nnɔbaeɛ nso bɛbu so, ɛfiri , Awurade, mo Onyankopɔn, ani bɛgye ɔbɛma mo adi yie sɛdeɛ na ɔyɛ mo agyanom no. 10 motie Awurade, mo Onyankopɔn, nne, na modi nʼahyɛdeɛ ne ne mmara a wɔatwerɛ saa mmara nwoma no mu no so, na mode mo akoma ne mo kra no a, nʼani bɛgye mo yiedie ho.

Owuo Ne Nkwa

11 Nokorɛm, saa mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi sodie nyɛ den, na ɛnyɛ adeɛ a morentumi nyɛ nso. 12 Ɛnni soro a enti mobɛka , "Hwan na ɔbɛkɔ soro ama yɛn na wakɔgye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?" 13 Saa ara nso na ɛnni ɛpo agya a enti mobɛka , "Hwan na ɔbɛtwa akɔ ɛpo fa nohoa ama yɛn na wakɔgye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?" 14 Dabi, asɛm no abɛn wo. Ɛda wʼano, na ɛwɔ wʼakoma mu. Ɛno enti, monni so.

15 Montie, ɛnnɛ, mede nkwa ne nkɔsoɔ, owuo ne ɔsɛeɛ asi mo anim. 16 motie Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi, nam so Awurade, mo Onyankopɔn, nante nʼakwan mu, di ne mmara so a, mobɛnya nkwa na mo ase adɔre, na Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo asase a morekɔ akɔtena so no so.

17 Nanso mo akoma dane, moanyɛ ɔsetie, na wɔtwe mo kɔkoto anyame foforɔ, na mosom wɔn a, 18 mepae mu ka kyerɛ mo ɛnnɛ , nokorɛm wɔbɛsɛe mo; morentena asase a moretwa Yordan akɔ so akɔfa agyapadeɛ no so nkyɛ.

19 Nnɛ mede nkwa ne owuo, nhyira ne nnome, asi mo anim monyi deɛ mopɛ. Mefrɛ ɔsoro ne asase adansefoɔ. Momfa nkwa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne mo asefoɔ bɛnya nkwa! 20 Monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn. Monyɛ ɔsetie mma no, na momfa mo ho mma no, ɛfiri , ɔno ne mo nkwa. Ɛno na mobɛtena ase akyɛre asase a Awurade kaa ntam ɔde bɛma mo tete agyanom Abraham, Isak ne Yakob no.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-