5 Dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma mu nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. 6 Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu. 7 Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn. 8 Monkyekyere no sɛ agyinahyɛdeɛ mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotire. 9 Montwerɛ ngu mo fie aponnwa ne mo aboboanopono ho.
Publicidade