Yakob Hyira Farao
7 Afei, Yosef kɔfaa nʼagya Yakob de no bɛkyiaa Farao maa Yakob hyiraa no. 8 Farao bisaa Yakob sɛ, "Woadi mfeɛ ahe?"
9 Yakob buaa Farao sɛ, "Madi mfeɛ ɔha ne aduasa a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ wɔ mu. Mennuru mʼagyanom nkwanna a wɔde tenaa asase so no ho hwee." 10 Na Yakob hyiraa Farao, na ɔfirii nʼanim kɔeɛ.
11 Enti, Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenaseɛ wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapadeɛ wɔ asase no fa baabi a ɛyɛ pa ara wɔ Rameses mansini mu, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no. 12 Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduane sɛdeɛ wɔn mma dodoɔ te.