Vida
A vida é um dom precioso de Deus. Desde a concepção até a eternidade, as Escrituras revelam o propósito, o valor e a plenitude da vida que o Senhor nos oferece.
Deus, o autor da vida
O Senhor é quem dá a vida e a sustenta. Cada ser humano foi formado por suas mãos com propósito e intenção divina.
Awurade Onyankopɔn de asase no so dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwene mu, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefoɔ.
Na wo na wobɔɔ me honhom
wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu.
Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu.
Wo nnwuma yɛ nwanwa.
Menim ɛno yie pa ara.
Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo
ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no;
ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no,
wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no.
Nna dodoɔ a woatwa ama me no,
wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu
ansa na emu baako reba mu.
Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ;
wo hann mu na yɛhunu hann.
Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;
sɛ mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn.
A vida em Cristo
Jesus é o caminho, a verdade e a vida. Nele encontramos sentido, plenitude e a promessa de vida abundante e eterna.
Yesu buaa sɛ, "Mene ɛkwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so."
Owifoɔ ba a, ɔbɛwia anaasɛ ɔbɛdi awu anaasɛ ɔbɛsɛe adeɛ. Me deɛ, maba, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya nkwa a ɛho nni asɛm biara.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?"
Yesu kaa sɛ, "Mene burodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no, ɛkɔm anaa osukɔm renne no da.
Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Obiara a ɔgye me di no, nsuo a ɛma nkwa bɛtene afiri ne mu.’ "
enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom, Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu seesei yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidie mu.
enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom, Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu seesei yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidie mu.
Vivendo com sabedoria
A Bíblia nos orienta a viver com sabedoria, aproveitando bem o tempo, guardando o coração e buscando a vontade de Deus para cada dia.
Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ,
na yɛanya nyansa akoma.
Me ba, tie na fa deɛ meka no,
na wo nkwanna bɛyɛ bebree.
Ne nyinaa akyi, bɔ wʼakoma ho ban,
ɛfiri sɛ, ɛno ne wo nkwa asutire.
Ne nyinaa akyi, bɔ wʼakoma ho ban,
ɛfiri sɛ, ɛno ne wo nkwa asutire.
Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra;
deɛ ɔpɛ nhunumu no nya nkɔsoɔ.
Deɛ ɔkora nʼano no kora ne nkwa so,
nanso deɛ ɔkasa a ɔnsusu ho no bɛba ɔsɛeɛ mu.
Deɛ ɔtie nteteeɛ pa no kyerɛ nkwa kwan,
na deɛ ɔpo ntenesoɔ no di afoforɔ anim yera ɛkwan.
Awurade suro yɛ nkwa asutire,
ɛyi onipa firi owuo afidie mu.
Deɛ ɔti tenenee ne ɔdɔ no
ɔnya nkwa, yiedie ne animuonyam.
Enti, monhwɛ mo akwan yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wɔnim nyansa. Monyɛ mo akwannya biara so adeɛ, ɛfiri sɛ, nna yi yɛ nna bɔne.
A vida no dia a dia
Cada dia é uma oportunidade de glorificar a Deus. A Escritura nos chama a viver com propósito, confiança e fé prática.
Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade,
na me nhunu wʼatempɔn.
Yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi mʼakyi
me nkwa nna nyinaa;
na mɛtena Awurade fie
daa.
Me honam, ne mʼakoma bɛdi me hwammɔ,
nanso Onyankopɔn ne mʼakoma ahoɔden
ne me kyɛfa daa nyinaa.
Awurade bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho,
ɔbɛhwɛ wo nkwa so;
Awurade bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so,
seesei ne daa.
Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti,
wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan.
Adeɛ baako na mebisa Awurade;
na ɛno na mehwehwɛ;
sɛ mɛtena Awurade fie
me nkwa nna nyinaa,
na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ
na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefie.
Yɛ komm wɔ Awurade anim na to wo bo ase twɛn no,
nha wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yie ho
ɛfiri sɛ wɔnam bɔne akwan so.
Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no,
ɛfiri sɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so.
Prioridades e eternidade
Jesus nos lembra que a vida é mais que comida e o corpo mais que roupa. O que importa é buscar o Reino de Deus e viver para a eternidade.
"Yei enti na metu mo fo sɛ, monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom anaa deɛ mobɛfira ho. Mowɔ ɔkra ne onipadua a ɛsom bo sene deɛ mobɛdi, deɛ mobɛnom ne deɛ mobɛfira. Monhwɛ ewiem nnomaa, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduane di. Monnsom bo nsene wɔn anaa? Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin?
Na sɛ onipa nya ewiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?
Afei, ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no ne nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛtie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasɛnnua, na ɔdi mʼakyi. Deɛ ɔma ne ɔkra som no bo no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ me ne Asɛmpa no enti, ɔbɛhwere ne kra no, wɔbɛgye ne nkwa. Na sɛ onipa nya ewiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Ɛdeɛn na ɛsom bo sene ne kra? Na obiara a saa nna bɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no, aniwu ɛberɛ a me ne mʼabɔfoɔ kronkron no bɛsane aba wɔ mʼAgya animuonyam mu no."
Ɔtoaa so sɛ, "Monhwɛ mo ho yie wɔ adifudepɛ ho, ɛfiri sɛ, onipa nkwa nnyina nʼahonya dodoɔ a ɔwɔ so."
Na ɛkwan a wɔnam so bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ ne sɛ, wɔbɛhunu Onyankopɔn korɔ nokwafoɔ no, ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no!
Na bɔne so akatua yɛ owuo, nanso Onyankopɔn akyɛdeɛ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ, wɔ Kristo Yesu yɛn AWURADE mu.
Monnyɛ mo ho sɛ ewiasefoɔ wɔ mo abrabɔ mu, na mmom, momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforɔ, na ɛnam so ama moahunu Onyankopɔn apɛdeɛ, deɛ ɛyɛ, deɛ ɛsɔ nʼani ne deɛ ɛwie pɛyɛ.
Ɛfiri sɛ, yɛn nkwa gyina gyidie so na ɛnnyina deɛ yɛhunu so.
Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoeɛ mu, na mommɔ mmɔden ntena ase tenenee mu. Anyɛ saa a, morenhunu Awurade.
Momma ɛnyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhoma sɛdeɛ yɛaka akyerɛ mo dada no. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafoɔ no afɛre mo na moremmisa deɛ ɛhia mo nso mfiri obiara nkyɛn.
Biribiara a moyɛ no, momfa mo akoma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa. Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so adeɛ. Mo nsa bɛka adeɛ a ɔde asie ama ne nkurɔfoɔ no bi. Kristo ne owura a mosom no.
Nhyira nka onipa a ɔnya gyidie wɔ amanehunu mu, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛnya akyɛdeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no.
Obi wɔ mo mu a ɔnim nyansa na ɔwɔ nteaseɛ? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛaseɛ ne nyansa so da no adi.
Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ,
"Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yie
na ɔhunu nna pa no,
ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne,
na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa.
Ɛsɛ sɛ ɔte ne ho firi bɔne ho na ɔyɛ papa
na ɔti asomdwoeɛ akyi na ɔdi akyire.
Momma deɛ ɛhome nyinaa nkamfo Awurade.
Monkamfo Awurade.
Biribiara wɔ ne berɛ,
na dwumadie biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne berɛ.
Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi, nam so dɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nante nʼakwan mu, di ne mmara so a, mobɛnya nkwa na mo ase adɔre, na Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so.
Di wʼagya ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Onyankopɔn, de bɛma wo no.
Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson,
anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a;
na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ,
na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu kɔ.
"Ao Awurade, ma menhunu me nkwa awieeɛ
ne me nna dodoɔ;
ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so.
Woayɛ me nna sɛ nsateakwaa baako pɛ;
na me mfeɛ dodoɔ nyɛ hwee wɔ wʼani so.
Onipa nkwa yɛ ahomeɛ bi kɛkɛ.
Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsum bi kwa;
ɔha ne ho, nanso ɔyɛ kwa;
ɔboa ahonya ano, na ɔnnim deɛ ɛbɛyɛ ne dea.
Mo mu hwan na ɔpɛ nkwa
na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna papa bebree?
Ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa.
Twe wo ho firi bɔne ho, na yɛ papa;
hwehwɛ asomdwoeɛ na ti no.
Ɛdwono yɛ animuonyam abotire;
tenenee mu asetena na ɛde ba.
Sɛdeɛ nsuo yi animdua kyerɛ no,
saa ara na onipa akoma da onipa no adi.