Publicidade

Salmos 39

Dawid dwom.

1 Mekaa , "Mɛhwɛ mʼakwan yie

na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne;

mɛto mʼano nnareka

ɛberɛ a amumuyɛfoɔ bɛne me yi.

2 Nanso brɛ a meyɛɛ komm

a manka asɛm papa biara mpo no

mʼapinisie mu yɛɛ den.

3 Mʼakoma ho dwanee no me mu

na metee nka ogya redɛre me mu

na afei mede me tɛkrɛma kasaeɛ :

4 "Ao Awurade, ma menhunu me nkwa awieeɛ

ne me nna dodoɔ;

ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so.

5 Woayɛ me nna nsateakwaa baako ;

na me mfeɛ dodoɔ nyɛ hwee wʼani so.

Onipa nkwa ahomeɛ bi kɛkɛ.

6 Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sunsum bi kwa;

ɔha ne ho, nanso ɔyɛ kwa;

ɔboa ahonya ano, na ɔnnim deɛ ɛbɛyɛ ne dea.

7 "Afei Awurade ɛdeɛn na merehwehwɛ?

Mʼanidasoɔ wo mu.

8 Gye me firi me bɔne nyinaa mu;

mma mennyɛ nkwaseafoɔ aseredeɛ.

9 Meyɛɛ komm, na mammue mʼano

ɛfiri , wo na woayɛ yei.

10 Yi wʼasotwe firi me so;

wo nsa ano amanehunu amene me.

11 Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔn bɔne ho;

wosɛe wɔn ahonya te nweweboa

onipa biara ahomeɛ kɛkɛ.

12 "Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ,

tie me sufrɛ;

nsi wʼaso me su ho

Me ne wo te ɔhɔhoɔ,

sɛdeɛ na mʼagyanom nyinaa teɛ no.

13 Yi wʼani firi me so na manya anigyeɛ bio

ansa na mafiri ha a mente ase bio."

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-