Publicidade

Salmos 104

1 Ao me ɔkra, kamfo Awurade!

Ao Awurade me Onyankopɔn, woyɛ ɔkɛseɛ!

Wɔafira tumi ne animuonyam.

2 Ɔde hann akata ne ho atadeɛ;

ɔtrɛ ɔsoro mu te ntomadan,

3 na ɔde ne mpia mpunan sisi nsuo so.

Ɔde omununkum ne teaseɛnam

na ɔde nante mframa ntaban so.

4 Ɔsoma nʼabɔfoɔ mframa,

na ɔsoma nʼasomfoɔ ogyadɛreɛ.

5 Ɔde asase asi ne fapem so

na ɛrenhinhim da.

6 Wode ebunu kataa so atadeɛ

na nsuo gyinaa mmepɔ no so.

7 Nanso wʼanimka maa nsuo no dwaneeɛ,

wʼaprannaa nnyegyeeɛ ma wɔdwaneeɛ;

8 Wɔtenetenee faa mmepɔ so,

kɔɔ mmɔnhwa mu tɔnn,

kɔguu baabi a wode ama wɔn no.

9 Wotoo ɔhyeɛ a wɔrentumi ntra;

na wɔammɛkata asase so bio.

10 Ɔma nsuwa tene fa abɔn mu;

ɛtene fa mmepɔ ntam.

11 Ɔma wiram mmoa nyinaa nsuo nom;

ɔma afunumu nsuo de kum wɔn sukɔm.

12 Ewiem nnomaa nwene wɔn pirebuo nsuo no ho;

na wɔto nnwom nnua no mman so.

13 Ɔfiri ne soro mpia mu nsuo gugu mmepɔ so;

Awurade nnwuma so aba mee asase.

14 Ɔma ɛserɛ fifiri ma anantwie,

na ɔbɔɔ nnua maa onipa ɔnnua

na ɛmma aduane mfiri asase mu:

15 na onipa anya nsã ama nʼakoma atɔ ne yam,

na onipa anya ngo ama nʼanim atɔ so,

na aduane nso akura onipa akoma.

16 Wɔgugu Awurade nnua no so yie,

Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no.

17 Ɛso na nnomaa wɔn mpirebuo

na asukɔnkɔn nso nʼatenaeɛ pepeaa nnua no mu.

18 Mmepɔ atentene no wiram mpɔnkye dea;

na abotan dwanekɔbea ma amoakua.

19 Ɔsrane kyerɛ ɛberɛ nkyekyɛmu,

na owia nim ɛberɛ a ɔkɔtɔ.

20 Wode esum ba ma ɛyɛ adesaeɛ

na kwaeɛ mu mmoa nyinaa ahayɔ.

21 Gyata bobom wɔn ahaboa

wɔhwehwɛ wɔn aduane firi Onyankopɔn .

22 Owia pue ma wɔsane wɔn akyi;

wɔsane kɔdeda wɔn atuo mu.

23 Afei, onipa nʼadwuma so

kɔyɛ adwuma ara kɔsi anwummerɛ.

24 Ao Awurade, wo nnwuma dɔɔso!

Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa;

wʼabɔdeɛ ahyɛ asase so ma.

25 Ɛpo na ɛda tɛtrɛɛ hahanaa yi,

a abɔdeɛ bebree a ɛnni ano,

akɛseɛ ne nketewa ahyɛ no ma.

26 Ɛso na ahyɛn di akɔneaba,

na dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agorɔ.

27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan

wobɛma wɔn wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu.

28 Wodema wɔn a, wɔtase;

wobue wo nsam a, nnepa mee wɔn.

29 Wode wʼanim hinta wɔn a,

wɔbɔ hu;

wogye wɔn ahomeɛ a,

wɔwuwu na wɔsane mfuturo mu.

30 wode wo Honhom no ma wɔn a

na wɔabɔ wɔn,

na woyɛ asase ani foforɔ.

31 Ma Awurade animuonyam ntena daa;

ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho,

32 deɛ ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ,

na ɔde ne nsa ka mmepɔ a wisie firi mu ba.

33 Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;

mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn.

34 Ɔmma mʼakoma mu mpaeɛbɔ nsɔ nʼani

ɛberɛ a meregye mʼani Awurade mu yi.

35 Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera asase so;

na amumuyɛfoɔ ase nhye.

Ao me ɔkra, kamfo Awurade.

Kamfo Awurade.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-