Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 1:26-28

WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

26 Hana bisaa no sɛ, "Owura wokae me anaa? Me wura, me ne ɔbaa a ɔbɛgyinaa ha mfeɛ bebree ni bɔɔ Awurade mpaeɛ no. 27 Mebɔɔ saa abɔfra yi ho mpaeɛ, na Awurade ayɛ mʼabisadeɛ ama me. 28 Enti, seesei, mede abɔfra yi rema Awurade. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ Awurade dea." Na wɔsomm Awurade wɔ hɔ.

Em outras traduções

  1. WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

    26 Hana kae se, "Owura mesrɛ wo. Sɛ wote ase yi, mene ɔbea a obegyinaa wo ho bɔɔ Awurade mpae no. 27 Mebɔɔ saa abofra yi ho mpae, na Awurade ayɛ mʼabisade ama me. 28 Enti mprempren, mede abofra yi rema Awurade. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ Awurade dea." Na ɔsom Awurade wɔ hɔ.

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.