Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 19

Mikal Gye Dawid Nkwa

11 Saulo somaa mmarima kɔɔ Dawid fie kɔwɛn , ɔpue anɔpa a wɔnkum no. Nanso, Dawid yere Mikal bɔɔ no kɔkɔ , "woannwane ampɛ wo nkwa anadwo yi a, ɔkyena, wɔbɛkum wo." 12 Enti, Mikal de Dawid faa mpomma mu ma ɔdwaneeɛ. 13 Na Mikal faa ohoni bi de no too mpa so de atadeɛ kataa ho, na ne ti no nso, ɔde abirekyie ho nwi kataa so.

14 Ɛberɛ a Saulo somaa mmarima wɔnkɔkyere Dawid no, Mikal ka kyerɛɛ wɔn , "Ɔyare a ɔntumi nsɔre mfiri mpa so."

15 Saulo sane somaa mmarima no bio , "Monkɔfa no mfiri ne mpa so mmra, sɛdeɛ mɛtumi akum no." 16 Nanso, mmarima no wuraa ɛdan no mu no, na ohoni na ɔda mpa no so a abirekyie ho nwi na ɛkata so.

17 Saulo bisaa Mikal , "Adɛn enti na woadaadaa me, ama me ɔtamfoɔ adwane?" Mikal buaa no , "Na ɛsɛ meyɛ saa ɛfiri ɔka kyerɛɛ me , Mammoa no a, ɔbɛkum me.’ "

18 Ɛberɛ a Dawid dwaneeɛ no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa deɛ Saulo ayɛ noɔ no nyinaa kyerɛɛ no. Enti, Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também