Hana Ayɛyie Mpaeɛbɔ
1 Na Hana bɔɔ mpaeɛ sɛ,
"Mʼakoma di ahurisie wɔ Awurade mu!
Ao, Awurade mu na me nhyira wɔ!
Afei, manya mmuaeɛ ama mʼatamfoɔ,
na mʼani gye wɔ wo gyeɛ no ho.
2 "Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade!
Obi bi nka wo ho;
Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Onyankopɔn.