Hana Ayɛyie Mpaeɛbɔ
1 Na Hana bɔɔ mpaeɛ sɛ,
"Mʼakoma di ahurisie wɔ Awurade mu!
Ao, Awurade mu na me nhyira wɔ!
Afei, manya mmuaeɛ ama mʼatamfoɔ,
na mʼani gye wɔ wo gyeɛ no ho.
2 "Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade!
Obi bi nka wo ho;
Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Onyankopɔn.
3 "Gyae ahantansu ne ahomasoɔ no,
nkasa wɔ ahantan so saa!
Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔnim wo nneyɛeɛ
na ɔbɛbu wo deɛ woayɛ no so atɛn.
4 "Wɔn a na wɔyɛ atumfoɔ no nnyɛ atumfoɔ bio;
na wɔn a na wɔyɛ mmerɛ no nso, afei, wɔayɛ den.
5 Wɔn a na wɔdidi mee pintinn no afei ɔkɔm rekum wɔn.
Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei wɔamee pintinn.
Afei, obonini wɔ mma baason,
na ɔbaa a na ɔwɔ mma pii no mma bɛbɔ no.
6 "Awurade de nkwa ne owuo nyinaa ba;
Ɔka ebi hyɛ damena mu, na ɔnyane ebinom.
7 Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefoɔ;
ɔbrɛ obi ase na wapagya obi.
8 Ɔpagya ohiani firi mfuturo mu
aane, ɔyi no firi nsosie mu;
ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma
de wɔn tena animuonyam nkonnua so.
"Ɛfiri sɛ, asase fapem yɛ Awurade dea,
na watoto ewiase sɛdeɛ ɛsɛ.
9 Ɔbɛbɔ nyamesurofoɔ ho ban,
na amumuyɛfoɔ bɛyera esum mu.
"Sɛ ahoɔden mu nko deɛ a, obi renni nim;
10 Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛ wɔn.
Ɔdwa aprannaa firi ewiem gu wɔn so;
Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara.
"Ɔma ne ɔhempɔn ahoɔden kɛseɛ;
deɛ wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den."