7 Saulo ka kyerɛɛ nʼafotufoɔ sɛ, "Monhwehwɛ ɔbaa samanfrɛfoɔ bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa."
Nʼafotufoɔ no buaa sɛ, "Ɔbaa samanfrɛfoɔ bi wɔ Endor."
15 Samuel bisaa sɛ, "Adɛn enti na wofrɛ me de ha me saa?"
Saulo buaa sɛ, "Ɛfiri sɛ, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ amene me. Filistifoɔ de ɔko atentam yɛn. Na Onyankopɔn nso agya me. Mente ne nka wɔ adiyifoɔ nkyɛn anaa daeɛso mu. Enti, mafrɛ wo sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ."