Publicidade

1 Samuel 7

1 Enti, Kiriat-Yearimfoɔ bɛgyee Awurade Apam Adaka7.1 Adaka no sii hɔ ara kɔsii sɛ Dawid fa sane de kɔɔ Yerusalem (2 Sam 6.2-3). no. Wɔde kɔɔ Abinadab efie a ɛda bepɔ nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wɔdwiraa ne babarima Eleasa ɔnhwɛ so. 2 Apam Adaka no kyɛree yie Kiriat-Yearim. Ɛdii mfirinhyia aduonu . Saa ɛberɛ no Israel nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri na ayɛ Awurade agya wɔn.

Samuel Israel So Ɔtɛmmufoɔ

3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa , "mode mo akoma nyinaa resane akɔ Awurade nkyɛn deɛ a, ɛnneɛ, montwe mo ho mfiri ananafoɔ anyame ne Astoret ahoni ho. Monsi mo adwene pi mobɛyɛ ɔsetie ama Awurade, na monsom ɔno nko, na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ nsam." 4 Enti, Israelfoɔ no too Baalim ne Astoret guiɛ, somm Awurade nko.

5 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa , "Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ Awurade mpaeɛ mma mo." 6 Enti, wɔboaa wɔn ho ano . Na wɔn nyankomadeɛ mu no, wɔsaa nsuo firi abura bi mu, na wɔhwie guu Awurade anim. Wɔdii abuada ɛda no, na wɔkaa nokorɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Enti, Mispa na Samuel bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ.

7 Ɛberɛ a Filistifoɔ sodifoɔ no tee Israel nyinaa aboa wɔn ho ano Mispa no, wɔboaboaa wɔn akodɔm ano, tu teneeɛ. Na Israelfoɔ no tee Filistifoɔ no rebɛn wɔn no, wɔn akoma tuu yie. 8 Wɔdwane toaa Samuel , "Srɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam." 9 Enti, Samuel faa odwan ba a ɔnyiniiɛ de ne mua no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfoɔ, na Awurade tieeɛ.

10 Ɛberɛ a Samuel gu so rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no baa wɔrebɛko. Nanso, Awurade de aprannaa nne a emu duru yie kasa firi soro, maa basabasayɛ sii Filistifoɔ no mu, maa Israelfoɔ no dii wɔn so nkonim. 11 Israel mmarima pamoo wɔn firi Mispa, kɔsii Bet-Kar, kunkumm wɔn guu ɛkwan so.

12 Ɛnna Samuel faa ɔboɔ kɛseɛ bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no edin Ebeneser a aseɛ ne "Ɔboa boɔ" na ɔkaa , "Ɛha na Awurade aboa yɛn abɛsi!"

13 Enti, wɔdii Filistifoɔ no so, na wɔantumi ammɛgye Israelfoɔ nsase amfa ɛberɛ tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, Awurade nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifoɔ. 14 Na Israel nkuro a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifoɔ no agyegye no. Wɔde asase a aka a Filistifoɔ no agyegyeɛ no kaa ho. Ɛmaa asomdwoeɛ baa Israel ne Amorifoɔ7.14 Edin "Amorifoɔ" no sɛ wɔbɔ so a, na wɔkyerɛ Kanaanfoɔ nyinaa. ntam saa ɛberɛ no.

15 Samuel kɔɔ so yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ ne nkwa nna a aka nyinaa. 16 Afe biara, na ɔtu kwan kyinkyini bu atɛn nʼasɛnniiɛ. Ɔfiri aseɛ Bet-El7.16 Bet-El, Gilgal ne Mispa yɛ nkurotoɔ mmiɛnsa a ɛwɔ Benyamin mantam mu a na wɔasisi Kronkronbea wɔ hɔ (hwɛ Yos 4.19). de Gilgal na wawie Mispa. Ɔbuu Israelfoɔ atɛn saa nkurotoɔ yi biara so. 17 Afei, na ɔsane ba ne kurom Rama bɛdi nsɛm nso. Na Samuel sii afɔrebukyia Rama de maa Awurade.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-