Publicidade

Jó 2

Hiob Sɔhwɛ A Ɛtɔ So Mmienu

1 Ɛda foforɔ bi, abɔfoɔ no baa Awurade anim bio na Satan nso kaa wɔn ho baeɛ. 2 Awurade bisaa Satan , "Wofiri he na wobaa ha?"

Satan buaa Awurade , "Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu."

3 Na Awurade bisaa Satan , "Woadwene mʼakoa Hiob ho anaa? Obiara nte ɔno asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene. Ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne. Ɛwom wohyɛɛ me mensɛe no a menni nnyinasoɔ biara deɛ, nanso ɔda so gyina ne pɛpɛyɛ no mu."

4 Satan buaa Awurade , "Wedeɛ pere wedeɛ. Onipa de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa. 5 ɛbɛtumi a tene wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wʼanim!"

6 Awurade ka kyerɛɛ Satan , "Ɛyɛ, ɔwɔ wo nsam na ne nkwa deɛ, gyaa mu ma no."

7 Enti, Satan firii Awurade anim, na ɔmaa akuro a ɛyɛ yea totɔɔ Hiob ho firi ne nan ase kɔsii nʼapampam. 8 Afei, na kyɛmferɛ na Hiob de dwi ne ho, ɛberɛ a ɔte nsõ mu.

9 Ne yere bisaa no , "Woda so kura wo pɛpɛyɛ no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!"

10 Na Hiob buaa no , "Wokasa ɔbaa a ɔyɛ ɔkwasea. Ade pa deɛ, yɛagye afiri Onyankopɔn nsam na ade bɔne na yɛmpo anaa?"

Yei nyinaa mu, Hiob anka asɛm bɔne.

Hiob Nnamfo Baasa No

11 Ɛberɛ a Hiob nnamfo baasa bi a wɔne Temanni Elifas,2.11 Na Elifas yɛ Edomni a ɔfiri Teman. Suhini Bildad ne Naamani Sofar tee amanehunu a aba Hiob so no, wɔfirii wɔn afie mu, hyia yɛɛ adwene wɔbɛkɔ akɔhwɛ no na wɔakyekye ne werɛ. 12 Wɔhunuu Hiob firii akyiri no, wɔanhunu ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ aseɛ twaa agyaadwoɔ, sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mfuturo guu wɔn tiri so. 13 Na wɔne no tenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Na obiara ankasa, ɛfiri , wɔhunuu nʼamanehunu no nyɛ asɛmwa.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-