Publicidade

Levítico 19

Abrabɔ Kronkron

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "Ka kyerɛ Israelfoɔ no , Ɛsɛ moyɛ kronkron, ɛfiri , me Awurade a meyɛ mo Onyankopɔn no, meyɛ kronkron.

3 " Ɛsɛ mode anidie ma mo maamenom ne mo agyanom na modi me homeda mmara no so, ɛfiri , meyɛ Awurade mo Onyankopɔn.

4 " Monnsom ahoni, ɛfiri , meyɛ Awurade mo Onyankopɔn.

5 " Ɛsɛ mobɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a momfa ɛkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani. 6 Ɛda a mobɛbɔ saa afɔdeɛ no, monni no ɛda no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ modi no adekyeeɛ. Monhye deɛ ɛbɛdi nnansa no. 7 Na deɛ mobɛdi no nnansa so no akyiwadeɛ ma me, enti mɛpo. 8 modi no nnansa so a, modi ho na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wɔbɛtwa mo asuo afiri Awurade nkurɔfoɔ mu.

9 " motwa mo nnɔbaeɛ a, monntwa nnɔbaeɛ a ɛwɔ mo mfuo nhanoa no. moretwa a, aba a ɛbɛgu fam no nso, monntase. 10 Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ mote so nyinaa. Na deɛ ɛbɛte agu aseɛ no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne akwantufoɔ a wɔbɛfa no na mene Awurade mo Onyankopɔn.

11 " Mommmɔ korɔno.

" Monntwa atorɔ.

" Na monnsisi obiara.

12 " Monnka ntanhunu mfa ngu mo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri , mene Awurade.

13 " Nwia wo yɔnko na monnsisi obi.

" Na mo apaafoɔ nso, montua wɔn ka ntɛm na mommma adeɛ nkye so.

14 " Monnnome ɔsotifoɔ na monntwintwane onifirani akwan mu. Monsuro mo Onyankopɔn; Mene Awurade.

15 " Ɛsɛ ɛberɛ biara atemmufoɔ bu atɛntenenee a wɔnhwɛ deɛ wɔrebu no atɛn no ohiani anaa osikani. Ɛsɛ daa wɔn atemmuo pɛpɛɛpɛ.

16 " Monnni nsekuro.

" Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade.

17 " Ntane wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefoɔ mfa ne ho nni. woyɛ saa a, wo nso wodi ho saa ara.

18 " Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔ; na mmom, wo yɔnko wo ho, na mene Awurade.

19 " Monni me mmara so:

" Mma wo nantwie mforo aboa foforɔ bi.

" Nnua afifideɛ a ɛgu ahodoɔ mmienu wʼafuo mu.

" Nhyɛ atadeɛ a ɛfa kuntu na ɛfa nso serekye.

20 " obi afenaa bi a obi asi no asiwaa asɔn a, ɛsɛ wɔdi wɔn asɛm asɛnniiɛ nanso ɛnsɛ wɔkum wɔn, ɛfiri , afenaa no nne ne ho. 21 Ɔbarima no na ɔde ne fɔdie afɔrebɔdeɛ bɛbrɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Ɛsɛ afɔrebɔdeɛ no odwennini. 22 Ɔsɔfoɔ no de odwennini no bɛyɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛeɛ no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no.

23 " mokɔ asase bi so kɔdua nnuaba ahodoɔ pii so a, nnɔbaetwa mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no, monnni, ɛfiri , wɔbu no ɛho agu fi. 24 Na ne mfeɛ ɛnan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no. 25 Na ne mfeɛ enum so no, aba no mo dea. Mene Awurade mo Onyankopɔn.

26 " Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya ɛnam.

" Na mommfa mo ho nto ntafowayie anaa bayie so.

27 " Ɛnsɛ motwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so sɛdeɛ abosonsomfoɔ no.

28 " Mommotabota mo ho mma ayiyɛ, na monnyɛ nsohyɛdeɛ mo honam ani nso. Mene Awurade.

29 " Mma wo babaa nkɔbɔ adwaman mfa ngu ne ho fi na asase no annane abɔnefoɔ asase.

30 " Monni me homeda mmara no so na monni mʼAhyiaeɛ Ntomadan no ni, ɛfiri , mene Awurade.

31 " Monnkɔ abisa adebisafoɔ ne abayifoɔ nkyɛn mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Onyankopɔn.

32 " Momfa obuo ne anidie mma mpanimfoɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade.

33 " Mommfa no yɛwɔ ahɔhoɔ yɛn ɔman yi mu enti yɛbɛsisi wɔn. 34 Mommu wɔn sɛdeɛ mobu onipa biara. Monnodɔ wɔn mo ho na monkae , na mo nso moyɛ ahɔhoɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Onyankopɔn.

35 " Ɛnsɛ mobu ntɛnkyea adesusuo, adekari anaa ade dodoɔ mu. 36 Ɛsɛ mo nsania ne mo nkariboɔ pɛpɛɛpɛ. Adeɛ a mode susu nsunsudeɛ ne nneɛma a ɛnyɛ nsunsu no nso, ɛsɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ, ɛfiri , mene Awurade mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim baeɛ no.

37 " Ɛsɛ modi me mmaransɛm ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so, na mene Awurade.’ "

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-