Publicidade

1 Crônicas 16

1 Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔsii ntomadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ Onyankopɔn anim. 2 Dawid wieeɛ no, ɔhyiraa nnipa no Awurade din mu. 3 Na ɔkyɛɛ Israelfoɔ mmaa ne mmarima nyinaa aduane. Obiara nyaa burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam.

4 Dawid yii saa Lewifoɔ yi wɔnni nnipa no anim ɔsom mu, Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Onyankopɔn ase na wɔnkamfo no. 5 Asaf a na ɔda kuo yi ano no bɔɔ kyankyan no. Na nʼabadiakyirefoɔ Sakaria a ɔtɔ so mmienu, afei, Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten. 6 Asɔfoɔ Benaia ne Yahasiel taa ntotorobɛnto Onyankopɔn Apam Adaka no anim.

Dawid Aseda Dwom

7 Saa ɛda no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ:

8 Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.

Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ.

9 Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;

monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.

10 Monhoahoa mo ho ne din kronkron mu;

momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.

11 Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;

na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.

12 Monkae anwanwadeɛ a wayɛ,

ne nsɛnkyerɛnneɛ ne atemmuo a ɔbuiɛ.

13 Ao Israel mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,

Ao Yakob mma a wapa wɔn.

14 Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn;

nʼahennie da adi asase so nyinaa.

15 Ɔkae nʼapam daa nyinaa,

asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no.

16 Yei ne apam a ɔne Abraham yɛeɛ

ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.

17 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob mmara,

de maa Israel apam a ɛbɛtena afebɔɔ;

18 "Mede Kanaan asase no bɛma wo

kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ."

19 Ɔkaa yei ɛberɛ a na wɔnnɔɔso,

ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.

20 Wɔfirii aman so kɔɔ aman so,

firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.

21 Nanso, wamma obi anhyɛ wɔn so;

wɔn enti, ɔkaa ahene anim ;

22 "Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo,

na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi."

23 Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade!

Ɛda biara mompae mu nka asɛmpa no ɔgye nkwa.

24 Mommɔ nʼanimuonyam nneyɛɛ ho dawuro amanaman mu.

Monka anwanwadeɛ a ɔyɛ nkyerɛ obiara.

25 Awurade kɛseɛ! Na ɔfata ayɛyie!

Ɛsɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa.

26 Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so ahoni bi kwa,

nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro!

27 Animuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia,

ahoɔden ne ahoɔfɛ nʼatenaeɛ.

28 Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo,

momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.

29 Momfa animuonyam a ɛfata mma Awurade!

Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra mmɛsom no.

Monsɔre Awurade ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.

30 Momma asase nyinaa mpopo nʼanim.

Wɔatim ewiase denden a ɛntumi nhinhim.

31 Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛ ne ho!

Momma aman nyinaa nte , "Awurade ɔhene!"

32 Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no.

Momma mfuo ne wɔn nnɔbaeɛ mfa ahosɛpɛ mpue.

33 Momma kwaeɛm nnua nnyegyeeɛ

nyɛ ayɛyie Awurade anim!

Ɛfiri ɔrebɛbu asase atɛn.

34 Monna Awurade ase, ɛfiri ɔyɛ

na nʼadɔeɛ daa.

35 Monteateam , "Gye yɛn, Ao yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn!

Boa yɛn ano, na gye yɛn firi amanaman nsam,

na yɛatumi ada wo din kronkron ase,

na yɛadi ahurisie akamfo wo."

36 Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn,

ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten.

Na nnipa no nyinaa gyee so , "Amen!" Na wɔkamfoo Awurade.

Yerusalem Ne Gibeon Ɔsom

37 Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ no wɔnsom daa Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ deɛ ɛhia wɔyɛ no da biara. 38 Saa ekuo yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifoɔ aduosia nwɔtwe a wɔyɛ apono anohwɛfoɔ.

39 Dawid de ɔsɔfoɔ Sadok ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ tenaa Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ bepɔ Gibeon mu no, wɔnsom Awurade anim . 40 Anɔpa ne anwummerɛ biara, wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia a wɔayi asi ama saa dwumadie no so. Na wɔdii biribiara a wɔatwerɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so. 41 Dawid sane yii Heman, Yedutun ne afoforɔ bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no , wɔnna Awurade ase "Na nʼadɔeɛ no tim daa." 42 Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ de gyegyee ayɛyie nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na wɔyii Yedutun mmammarima maa wɔyɛɛ apono anohwɛfoɔ.

43 Na nnipa no nyinaa sane kɔɔ wɔn afie mu. Dawid nso sane kɔɔ ne fie, kɔhyiraa ne fiefoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-