Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 13

Israel Ne Filistia Akodie

1 Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan mmienu.

2 Saulo yii akodɔm sononko bi a wɔn dodoɔ mpensa firii Israel, na ɔmaa nkaeɛ no kɔɔ efie. Ɔfaa akodɔm no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔ nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Akodɔm apem a aka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea Benyamin asase so.

3 Yei akyi no, ankyɛre, Yonatan kɔtuaa Filistifoɔ asraafoɔ no dii wɔn so Geba. Asɛm no trɛɛ ntɛm so Filistifoɔ no mu. Enti Saulo hyɛn torobɛnto Israel nyinaa , "Hebrifoɔ, monsɔre!" 4 Israelfoɔ nyinaa tee Saulo atɔre Filistifoɔ asraafoɔ a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa enti, Israelfoɔ ho ayɛ Filistifoɔ no ahi. Enti, Israel akodɔm no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo Gilgal.

5 Filistifoɔ boaboaa asraadɔm kɛseɛ pa ara ano a wɔkura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefoɔ mpem nsia ne akodɔm a wɔn dodoɔ te mpoano anwea ano. Wɔkyeree sraban Mikmas Bet-Awen apueeɛ fam. 6 Ɛberɛ a Israel mmarima no hunuu atamfoɔ no akodɔm mpempem no, wɔn ho dwodwoeɛ enti, wɔyɛɛ wɔbɛkɔ akɔsuma wɔn ho abodan, mmena, abotan, aboda ne nsukoraeɛ mu. 7 Ebinom twaa Asubɔnten Yordan dwane kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa ɛberɛ no, na Saulo Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no ahopopoɔ ne suro mu. 8 Ɔdii nnanson sɛdeɛ Samuel hyɛɛ no ɔnni no; nanso, Samuel deɛ, wamma Gilgal, na Saulo hunuu mmarima no rebɔ pete. 9 Enti, ɔhyɛɛ , "Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me." Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no. 10 Ɔrewie afɔdeɛ no ara , na Samuel kɔduruu . Enti, Saulo pue kɔhyiaa no maa no akwaaba.

11 Samuel bisaa no , "Ɛdeɛn na woayɛ yi?"

Saulo buaa , "Mehunuu mmarima no rehwete, na womma no, na Filistifoɔ no nso reboa wɔn ho ano Mikmas no, 12 medwenee , Afei deɛ, Filistifoɔ no bɛsiane abɛtoa me Gilgal, nanso memmisaa Awurade nkyɛn adom.Enti, metee nka , ɛsɛ mebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ansa na woaba." 13 Na Samuel kaa , "Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a Awurade, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so. wodii so a, anka ɔbɛtim wʼahennie ase Israel afebɔɔ. 14 Na seesei, wʼahennie no rentim. Awurade apɛ ɔbarima bi a ɔyɛ nʼakoma apɛdeɛ na wɔayi no ne nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ, ɛfiri , woanni Awurade mmara no so."

15 Na Samuel firii Gilgal kɔɔ ne baabi na akodɔm no nkaeɛ no ne Saulo kɔhyiaa atamfoɔ no. Wɔfiri Gilgal kɔɔ Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so. Saulo kanee mmarima a na wɔka ne ho no, na wɔn ano si aha nsia. 16 Na Saulo ne ne babarima Yonatan ne mmarima a ɛka ne ho no te Geba a ɛbɛn Gibea Benyamin asase so. Saa ɛberɛ no na Filistifoɔ no akyere sraban Mikmas. 17 Ntohyɛsofoɔ akuo mmiɛnsa firii Filistifoɔ sraban mu. Ekuo baako de nʼani kyerɛɛ Ofra ɛkwan so, kɔɔ Sual mpɔtam . 18 Afoforɔ faa Bet-Horon kwan so ɛnna wɔn a wɔka ho nso faa ɛhyeɛ a ɛkyerɛ Seboim bɔnhwa no kwan so, kɔɔ ɛserɛ so fam.

19 Saa ɛberɛ no, na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifoɔ no amma atomfoɔ no kwan, ɛfiri , wosusuu atomfoɔ no bɛbɔ akofena ne mpea ama Hebrifoɔ no. 20 Enti, na Israelfoɔ no nyinaa Filistifoɔ nkyɛn kɔse wɔn funtum nnadeɛ, nsɔ, nkuma ne dɔtetuo nnadeɛ ano. 21 (Na wɔgye funtum nnadeɛ ne asosɔ a wɔse no biara ho dwetɛ gram nwɔtwe, na wɔse mmonnua anaa nnadeɛ a, wogye dwetɛ gram ɛnan.) 22 Ɛno enti na Israelfoɔ no mu biara nni akofena anaa pea, gye Saulo ne Yonatan.

23 Saa ɛberɛ no mu, na Filistifoɔ asraafoɔ no fa bi akɔ akɔfa tempɔn a ɛda Mikmas no.

Veja também