Eli Mmammarima Amumuyɛfoɔ
12 Eli mmammarima no yɛ asansafoɔ a wɔmfɛre Awurade, 13 anaa wɔn asɔfodwuma. Ɛberɛ biara a obi bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no na wɔrenoa ɛnam no, Eli mma no soma ɔsomfoɔ de adinam a ɛwɔ ano mmiɛnsa ba. Ɛberɛ a ɛnam no si ogya so no, 14 ɔsomfoɔ no de adinam no wɔ dadesɛn no mu. Na wɔhyɛ sɛ deɛ adinam no bɛwɔ mu no nyinaa yɛ Eli mma no dea. Wɔde Israelfoɔ a wɔba Silo hɔ nyinaa faa saa ɛkwan yi so. 15 Ɛtɔ dabi a, ansa na wɔbɛhye sradeɛ2.15 Na mmara no ka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhye sradeɛ ne sradenam wɔ afɔrebukyia no so (3 Mose 3.16; 4.8-10). no, ɔsɔfoɔ no ɔsomfoɔ ba bɛka kyerɛ onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ, "Ma ɔsɔfoɔ no ɛnam no bi, na ɔntoto. Ɔmpɛ wo ɛnam a woanoa, na mmom, ɛnam mono nko ara."
16 Onipa a ɔrebɔ afɔdeɛ no ka sɛ, "Fa dodoɔ biara a wopɛ, nanso sradeɛ no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔhye ansa." Ɛhɔ na ɔsomfoɔ no bɛka sɛ, "Dabi, fa ma me seesei ara, anyɛ saa a, mede tumi bɛfa."
17 Na saa bɔne a mmeranteɛ yi yɛ yi yɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ, na wɔbu Awurade afɔrebɔ no animtia.