Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 20

Yonatan Boa Dawid

1 Dawid dwane firii Naiot a ɛwɔ Rama kɔhunuu Yonatan. Ɔbisaa , "Bɔne bɛn na mayɛ? Bɔne bɛn na mayɛ wʼagya, a enti ɔpɛ ɔkum me yi?"

2 Yonatan teaam , "Ɛnyɛ nokorɛ. Menim yie ɔnnwenee biribi a ɛte saa ho, ɛfiri , ɔka ne nsɛm nyinaa kyerɛ me; mpo, ne nsɛm nketenkete nyinaa ɔma mʼaso te. Menim ɔrentumi mfa saa asɛm a ɛte sɛɛ nsie me da. Ɛnte saa ara da!"

3 Ɛhɔ ara, Dawid kaa ntam Yonatan anim , "Wʼagya nim yɛn ayɔnkofa yi mu pefee enti, waka ne tirim , Merenka nkyerɛ Yonatan. Adɛn enti na ɛsɛ mede ɔhaw to no so?Nanso, meka wo ntam , mene owuo ntam kwan nware koraa! Mede Awurade ne wo ara wo ɔkra ka ntam!"

4 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid , "Kyerɛ me deɛ menyɛ!"

5 Dawid buaa , "Ɔkyena yɛbɛdi Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ. Ɛberɛ biara, dapɔnna no duru saa a, me ne wʼagya to nsa didi. Nanso, ɔkyena deɛ, mɛkora me ho wiram ara kɔsi ne nnansa so anwummerɛ. 6 Na wʼagya bisa mewɔ he a, ka kyerɛ no , mesrɛɛ ɛkwan merekɔ me kurom Betlehem, na me ne me fiefoɔ akɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ.7 ɔka , Ɛyɛa, wobɛhunu biribiara da yie. Na nso ne bo fu, na ɔgye hwanyan a, wobɛhunu , ɔrehyehyɛ ho , ɔbɛkum me. 8 Ɛda saa adɔeɛ yi adi kyerɛ me, adamfo a maka ntam adi nse akyerɛ wo, ɛfiri , yɛn nyinaa apam Awurade anim. Na ɛnte saa, na mayɛ bɔne atia wʼagya a, wo ara kum me. Nanso, mesrɛ wo, nyi me mma."

9 Yonatan teaam , "Ɛmpare me! Wo ara wonim , menim mʼagya nsusuiɛ no ho biribi a, anka maka akyerɛ wo dada."

10 Na Dawid bisaa Yonatan , "Ɛbɛyɛ dɛn na mahunu wʼagya bo afu anaasɛ ne bo mfuiɛ?"

11 Yonatan buaa , "Bra na yɛnkɔ wiram ." Na wɔn nyinaa kɔɔ .

12 Yonatan ka kyerɛɛ Dawid , "Ɔkyena akyi sɛsɛɛ, mɛhyɛ Awurade Israel Onyankopɔn din mu me ne mʼagya bɛkasa, na mɛma woahunu deɛ ɔka fa wo ho. ɔdi wo ho adanseɛ pa a, mɛma woate no ntɛm. 13 Nanso mʼagya bo afu, na ɔpɛ ɔkum wo, na manka ankyerɛ wo ma wo annwane a Awurade nkum me. Awurade nka wo ho sɛdeɛ ɔkaa mʼagya ho no. 14 Na fa Awurade nokorɛ no bi me ɛberɛ a mete ase yi. Na mewu, 15 na ɛba Awurade twa Dawid atamfoɔ nyinaa gu firi asase ani mpo a, nyi wʼadɔeɛ mfiri me fiefoɔ so da biara da."

16 Enti, Yonatan ne Dawid yɛɛ apam , "Awurade ntɔre Dawid atamfoɔ nyinaa ase." 17 Esiane ɔdɔ a Yonatan ma Dawid no enti, ɔmaa no tii ne ntam no mu bio, ɛfiri , na ɔdɔ no sɛdeɛ ɔdɔ ɔno ankasa ho.

18 Afei, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid , "Ɔkyena na ɛyɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ no. Yɛrenhunu wo, ɛfiri , wʼakonnwa so bɛda . 19 Ɔkyena akyi, ɛrekɔ anwummerɛ no, baabi a saa nsɛm yi refiti aseɛ no, wokɔsumaa wo ho no, na twɛn aboɔ esie no ho. 20 Mɛto agyan mmiɛnsa afa ne nkyɛn, te deɛ mereto abɔ biribi no. 21 Afei, mɛsoma abarimaa bi aka , na kɔhwehwɛ bɛmma no.meka kyerɛ no , Hwɛ, bɛmma no fa ha; tase brɛ me a,bra, ɛfiri , mmerɛ dodoɔ ko a Awurade te ase yi, wo ho sɔnn; bɔne bi nni . 22 Na meka kyerɛ abarimaa no , Hwɛ, bɛmma no wʼanima, ɛnneɛ, na ɛsɛ wokɔ, ɛfiri , Awurade na ɔse . 23 Na Awurade mmoa yɛn na yɛnni ɛbɔ a yɛahyehyɛ yɛn ho yɛn ho no so, ɛfiri ɔno ne yɛn danseni."

24 Na Dawid kɔtɛɛ wiram, na ɛberɛ a ɔbosome foforɔ afahyɛ no duruiɛ no, ɔhene no tenaa ase ɔrebɛdidi. 25 Ɔtenaa nʼatenaeɛ a ɛbɛn ɔfasuo ho a ɛne Yonatan di nhwɛanim, na Abner tena dii Saulo so, nanso Dawid atenaeɛ deɛ, ɛdaa bio. 26 Na ɛda no, Saulo anka asɛm biara. Na ɔdwenee , "Gyama asɛm bi ato Dawid a ɛmma ne ho nte mma saa afahyɛ no ase. Ɛno enti na ɔnni ha ɛnnɛ no." 27 Na adeɛ kyeeɛ a Dawid afa ada mpan bio no, Saulo bisaa ne ba Yonatan , "Adɛn enti na Yisai babarima no amma adidie nnora ne ɛnnɛ?"

28 Yonatan buaa , "Nokorɛm, Dawid srɛɛ me ɛkwan ɔrekɔ Betlehem. 29 Ɔkaa , Ma menkɔ, ɛfiri , me fiefoɔ rebɔ afɔdeɛ kuro no mu enti, me nuabarima ahyɛ me , ɛsɛ mewɔ bi. afei, manya wʼanim animuonyam a, ma me kwan na menkɔhwɛ me nuanom mmarima.Ɛno enti na wamma ɔhene didipono ho no."

30 Saulo bo fuu Yonatan, ka kyerɛɛ no , "Wo ɔba kwasea, ɔbaa brakyewni tuateni ba! Wosusu mennim wopɛ Dawid di ɔhene si wo anan mu de hyɛ wo ne wo maame aniwuo? 31 Mmerɛ dodoɔ a Yisai babarima no te ase asase yi so no, worennya ɔhene nni da. Soma seesei ara na wɔnkɔfa no mmrɛ me, na menkum no!"

32 Yonatan bisaa nʼagya , "Adɛn enti na ɛsɛ wɔkum no? Ɛdeɛbɛn na wayɛ?" 33 Ɛhɔ ara, Saulo too pea ɔde rewɔ no, akum no. Afei Yonatan hunuu nʼagya asi nʼadwene pi ɔbɛkum Dawid.

34 Yonatan de abufuden sɔre firii didipono no ho. Na ɛda a ɛtɔ so mmienu bosome no mu no, wannidi, ɛfiri , ne werɛ hoo nʼagya animguasedeɛ a ɔpɛ ɔyɛ Dawid no ho.

35 Ade kyeeɛ no, Yonatan kɔɔ wiram. Sɛdeɛ wɔahyehyɛ ho no. Ɔfaa abarimaa ketewa bi kaa ne ho a ɔbɛboaboa ne bɛmma ano. 36 Ɔka kyerɛɛ abarimaa no , "Hyɛ aseɛ tu mmirika kɔhwehwɛ bɛmma a metoto no." Na abarimaa no retu mmirika akɔ no, Yonatan too bɛmma no baako traa no. 37 Na ɛberɛ a abarimaa no duruu baabi a Yonatan bɛmma no akɔtɔ no, Yonatan frɛɛ no , "bɛmma no ntraa wo anaa?" 38 Enti, Yonatan teaam , "Ka wo ho! ntɛm! Nnyina." Abarimaa no faa bɛmma no sane baa ne wura nkyɛn. 39 Na abarimaa no nnim yei ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim. 40 Na Yonatan de nʼakodeɛ maa abarimaa no kaa , ", soa sane fa kurom."

41 Ɛberɛ a abarimaa no kɔeɛ ara , Dawid pue firii baabi a ɔkɔhintaeɛ a ɛbɛn aboɔ sie no baeɛ. Na Dawid bɔɔ ne mu ase Yonatan anim, de nʼanim butuu fam. Na wɔfefee wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nante yie, na wɔsuiɛ, ne titire no, Dawid.

42 Akyire no, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid , "asomdwoeɛ mu, ɛfiri , yɛayɛ apam Awurade din mu. Yɛde yɛn mu biara ne yɛn mu biara mma ahyɛ Awurade nsa afebɔɔ." Na Dawid kɔeɛ, ɛnna Yonatan nso sane kɔɔ kuro no mu.

Veja também