Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 24

Dawid Ampɛ Ɔkum Saulo

1 Saulo ne Filistifoɔ no ko wieeɛ no, wɔka kyerɛɛ no , "Dawid hyɛ En-Gedi ɛserɛ so ." 2 Ɛno enti, Saulo yii mmarima mpensa firii Israel mmaa nyinaa, de wɔn kɔɔeɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima beaeɛ bi a ɛbɛn Wiram Mmirekyie Abotan no.

3 Ɔbɛduruu nnwammuo bi ho a ɛhɔ ara nso na ɔbodan bi no, Saulo wuraa mu , ɔrekɔgye nʼahome. Na Dawid ne ne mmarima no saa ɔbodan no mu akyirikyiri.

4 Mmarima no kaa , "Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade kaa , Mede wo ɔtamfoɔ bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no deɛ wopɛ biarano". Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kɔtwaa nʼatadeɛ ano.

5 Na Dawid adwenem antene no watwa Saulo atadeɛ ano. 6 Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no , "Awurade nim ɛnsɛ meyɛ saa. Ɛyɛ musuo obi mɛtene me nsa obi a Awurade asra no ngo so; ɛfiri , Awurade ankasa na wapa no." 7 Ɔnam saa nsɛm yi so kaa ne mmarima no anim, na wamma ho kwan amma wɔankɔ Saulo so. Na Saulo firii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan no.

8 Dawid pue baeɛ, teateaam dii nʼakyi , "Me wura ɔhene!" Saulo twaa nʼani no, Dawid bɔɔ ne mu ase. 9 Afei, ɔteaam, bisaa Saulo , "Adɛn enti na wotie nkurɔfoɔ ano merepɛ wo aha wo? 10 Ɛnnɛ dua yi, wʼankasa wʼani tua ɛnyɛ nokorɛ. Ɛfiri , Awurade de wo hyɛɛ me nsa ɔbodan no mu, na me mmarima no bi ka kyerɛɛ me , menkum wo, nanso mankum wo. Na mekaa , Merenyɛ no bɔne biara da, ɛfiri , ɔyɛ obi a Awurade asra no.11 Mʼagya, hwɛ adeɛ a mekura yi. Ɛyɛ wʼatadeɛ sin bi. Metwaeɛ, nanso mankum wo. Yei da no adi pefee merenha wo, na menyɛɛ wo bɔne biara nso, na mmom, wo na woataataa me so repɛ me akum me. 12 Awurade na ɔbɛhwɛ me ne wo ntam asɛm. Ebia, deɛ woayɛ enti, Awurade bɛtwe wʼaso deɛ wopɛ woyɛ me no ho, na me deɛ, merenha wo da. 13 Ɛbɛ no se, Abɔnefoɔ mu na bɔne firi ba.Enti, gye di , merenha wo.

14 "Hwan na Israelhene repɛ no akye no yi? Ɛsɛ ɔsɛe ne berɛ taataa obi a ne ho nni mfasoɔ ɔkraman funu anaa edwie? 15 Ma Awurade mmu atɛn nkyerɛ yɛn mu deɛ ɔdi bem, na ɔntwe ɛfɔdifoɔ no aso. Ɔno ne me kamafoɔ, na ɔbɛgye me afiri wo tumi ase."

16 Saulo buaa , "Me babarima Dawid, wo na worekasa yi?" Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ. 17 Ɔtoaa so , "Wotene sene me. Wode papa atua me bɔne so ka, nanso me deɛ mayɛ wo bɔne. 18 Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, ɛfiri Awurade de me hyɛɛ wo nsa a, anka wobɛtumi akum me nanso woanku me. 19 obi nsa ka ne ɔtamfoɔ a, ɔgyaa no ma no kwa? Awurade nhyira wo ɛkwan a wode me afa so ɛnnɛ yi ho. 20 Afei mahunu , deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛsi wo ɔhene, na Israel ahemman no bɛdi yie wo pɛn so. 21 Afei, suae Awurade din mu kyerɛ me , wobɛdi adeɛ a, worentwa mʼasefoɔ anaa worempepa me din mfiri mʼagya fie."

22 Enti, Dawid suae kyerɛɛ Saulo. Na Saulo sane kɔɔ efie, na Dawid ne ne mmarima kɔɔ wɔn banbɔeɛ mu.

Veja também