Publicidade

1 Samuel 3

Awurade Frɛ Samuel

1 Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, somm Awurade. Saa ɛberɛ no na asɛm a wɔte firi Awurade nkyɛn ne anisoadehunu adeɛ a ɛho na.

2 Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afira koraa no kɔdaeɛ nkyɛree koraa. 3 Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ. Saa ɛberɛ no na Samuel da Ahyiaeɛ Ntomadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no. 4 Prɛko , Awurade frɛɛ , "Samuel! Samuel!"

Samuel buaa , "Menie." 5 Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Menie! Wofrɛɛ me?"

Eli nso buaa no , "Memfrɛɛ wo, na sane kɔda." Enti ɔsane kɔdaeɛ.

6 Awurade sane frɛɛ bio , "Samuel!"

Bio, Samuel sane yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Menie! Wofrɛɛ me?"

Eli buaa no , "Me ba, memfrɛɛ wo, na sane kɔda."

7 Na Samuel nnya nhunuu Awurade, ɛfiri , na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da.

8 Enti afei, Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Menie! Wofrɛɛ me?"

Ɛhɔ na Eli hunuu ɛyɛ Awurade na ɔrefrɛ abarimaa no. 9 Enti, ɔka kyerɛɛ Samuel , "na kɔda bio, na wote obi refrɛ wo a, gye so na ka , Menie, Awurade kasa na wʼakoa retie.’ " Enti, Samuel kɔdaa bio.

10 Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio , "Samuel! Samuel!"

Na Samuel buaa , "Menie, Awurade kasa na wʼakoa retie."

11 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel , "Merebɛyɛ akomatuo adeɛ bi Israel. 12 Merebɛyɛ deɛ maka atia Eli ne nʼabusuafoɔ no nyinaa. 13 Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree , atemmuo reba ɔne nʼabusuafoɔ so, ɛfiri , ne mmammarima abɔ mmusuo atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn. 14 Na maka ntam , Eli ne ne mmammarima bɔne no, wɔbɔ okum afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da."

Samuel Kasa Ma Awurade

15 Samuel daa ara kɔsii adeɛ kyeeɛ. Ɔbuebuee ntomadan mfɛnsere sɛdeɛ ɔtaa no. Na ɔsuro ɔbɛka asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli. 16 Nanso, Eli frɛɛ no , "Samuel, me ba."

Samuel buaa , "Menie!"

17 Eli bisaa no , "Asɛm bɛn na Awurade ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso." 18 Enti, Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee ansie no. Eli ka sɔɔ so , "Ɛyɛ Awurade . Ɔnyɛ deɛ ɔsusu ɛyɛ na ɛfata biara."

19 Awurade kaa Samuel ho ne nyiniiɛ mu, na biribiara a Samuel kaeɛ no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa. 20 Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, ɛfiri asase no ti kɔsi nʼanafoɔ, na wɔnim wɔahyɛ Samuel Awurade odiyifoɔ. 21 Awurade kɔɔ so daa ne ho adi Silo, na ɔde nsɛm maa Samuel ntomadan mu .

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-