Publicidade

1 Samuel 4

1 Na nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa tee nsɛm a ɛfiri Samuel .

Filistifoɔ Fa Apam Adaka No

Saa ɛberɛ no, na Israelfoɔ ne Filistifoɔ reko. Israelfoɔ akodɔm kyeree sraban Ebeneser ɛnna Filistifoɔ nso kyeree sraban Afek. 2 Filistifoɔ no to hyɛɛ Israelfoɔ akodɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wɔkumm nnipa mpemnan. 3 Ɔko no baa awieeɛ, na Israel akodɔm sane kɔɔ wɔn sraban mu no, Israel mpanimfoɔ no bisaa , "Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkoguo ɛnnɛ yi Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfiri Silo. yɛde ɔsa a, ɛbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam."

4 Enti, nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Otumfoɔ Awurade a ɔte Kerubim ntam Apam Adaka no baeɛ. Saa ɛberɛ no na Eli mmammarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono no ho.

5 Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosoeɛ. 6 Filistifoɔ no bisaa , "Ɛdeɛn na ɛrekɔ so yi? Ɛdeɛn osebɔ na ɛwɔ Hebrifoɔ sraban mu yi?"

Wɔtee Awurade Apam Adaka no na abɛduru sraban mu no, 7 wɔsuroeɛ. Na wɔkaa , "Anyame no aba wɔn sraban mu . Ɛnneɛ, asɛm ato yɛn! Yɛnhyiaa asɛm a ɛte sei bi da. 8 Hwan na ɔbɛgye yɛn afiri saa Israel anyame atumfoɔ yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu yadeɛ ahodoɔ nyinaa bi sɛee Misraimfoɔ, ɛberɛ a Israelfoɔ ɛserɛ so no. 9 Monnyere mo ho, Filistifoɔ! Monnyina mmarima; anyɛ saa a, Hebrifoɔ no bɛfa mo nkoa sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn nkoa no."

10 Enti, Filistifoɔ no koo anibereɛ so, dii Israelfoɔ no so bio. Wɔn a wɔkunkumm wɔn no dɔɔso. Israelfoɔ ɔpeduasa na wɔkunkumm wɔn ɛda no. Wɔn a wɔnyaa wɔn ti didii mu no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. 11 Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wɔkunkumm Eli mmammarima baanu a wɔyɛ Hofni ne Pinehas no.

Eli Wuo

12 Ɛda no ara, ɔbarima bi firi Benyamin abusuakuo mu dwane firii akono bɛduruu Silo. Na watete ne ntadeɛ mu, de mfuturo ahura ne tiri mu, de kyerɛ nʼawerɛhoɔ. 13 Na Eli retwɛn kwankyɛn baabi, ɔte ɔko no mu nsɛm, ɛfiri , na ne bo ntɔ ne yam koraa Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfoɔ no ba bɛkaa asɛm a asie no, wɔtee nteateamu bi kuro no mu nyinaa. 14 Eli bisaa , "Saa nteateamu yi ase ne sɛn?"

Ɔbɔfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli, 15 a na wadi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe na nʼani afira no nkyɛn. 16 Ɔka kyerɛɛ Eli , "Seesei ara na mefiri akono baeɛ. Nnɛ yi ara, na mewɔ ."

Eli bisaa , "Na ɛkɔsii sɛn?"

17 Ɔbɔfoɔ no buaa , "Israelfoɔ adi nkoguo. Israel akodɔm no mpem mpem atotɔ akono . Afei, wo mmammarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso wɔawuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa."

18 Ɔbɔfoɔ no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara , Eli firi akonnwa a ɔte so mu abɔntenpono ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu buiɛ, ɛfiri , na wabɔ akɔkoraa a ne mu nso duru. Na wadi Israel anim mfirinhyia aduanan.

19 Saa ɛberɛ no na nʼase baa a ɔyɛ Pinehas yere nyem a ɔreyɛ awoɔ. Ɔtee wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwuo no, awoɔ kaa no amonom . 20 Ɔwuu awokoɔ mu, nanso ansa na ɔrebɛwu no, mmaa a wɔregye no awoɔ no kaa , "Nsuro woawo abarimaa." Nanso, wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso.

21 Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no edin Ikabod, "Animuonyam no he, Israel animuonyam no asa," ɛfiri , wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu. 22 Ɔkaa , "Animuonyam afiri Israel mu, ɛfiri , wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-