Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Reis 6

Abonnuatire A Ɛtɛ Nsuo Ani

1 Ɛda bi adiyifoɔ kuo baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Sɛdeɛ wo ara wohunu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua. 2 Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree . Ɛhɔ deɛ, yɛbɛtumi asi ɛdan foforɔ, ahyia mu ."

Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Ɛyɛ, monkɔyɛ."

3 Obi kaa nʼadwene , "Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ."

Ɔkaa , "Mate yɛbɛkɔ."

4 Ɛberɛ a wɔduruu Yordan ho no, wɔhyɛɛ aseɛ buu nnua. 5 Nanso, wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ nsuo no mu. Ɔteaam , "Aa! Me wura, ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛeɛ!"

6 Onyankopɔn onipa no bisaa , "Ɛhefa na ɛtɔeɛ?" Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa poma, na ɔto twenee nsuo no mu. Ɛhɔ ara abonnua tire no pagyaa ne ho, bɛtɛɛ nsuo no ani. 7 Elisa ka kyerɛɛ no , "Ma so yi." Na ɔbarima no tenee ne nsa yiiɛ.

Veja também