Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 9

Dawid Mefiboset Adɔeɛ

1 Ɛda bi, Dawid pɛɛ ɔbɛhunu obi aka Saulo fie anaa. Ɛfiri na wahyɛ Yonatan ɔbɛyɛ wɔn adɔeɛ.

2 Ɔfrɛɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Siba a na anka ɔfra Saulo asomfoɔ mu. Na ɔhene bisaa no , "Wo na wɔfrɛ wo Siba no anaa?"

Ɔbuaa no , "Aane, mene Siba no."

3 Ɔhene no bisaa no , "Obi aka Saulo efie anaa? ɛte saa a mepɛ mɛyɛ wɔn adɔeɛ a ɛfiri Onyankopɔn ɛkwan biara a mɛtumi so."

Siba buaa ɔhene , "Yonatan babarima obubuafoɔ bi da so ."

4 Ɔhene bisaa , "Ɔwɔ he?"

Siba buaa , "Ɔwɔ Amiel babarima Makir fie Lo-debar."

5 Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no firii Amiel babarima Makir fie Lo-debar, de no brɛɛ no.

6 Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nana. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopoɔ kotoo no, kaa , "Meyɛ wo ɔsomfoɔ."

7 Dawid ka kyerɛɛ no , "Nsuro, na deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɛsiane wʼagya Yonatan enti, mɛyɛ wo adɔeɛ. Nsase a na ɛyɛ wo nana Saulo agyapadeɛ no nyinaa, mɛsane mede mama wo, na woadidi me didipono so daa daa."

8 Mefiboset bɔɔ ne mu ase kaa , "Hwan ne me, ɔkraman funu a ɛsɛ wɔyɛ me saa adɔeɛ yi?"

9 Ɔhene frɛɛ ne ɔsomfoɔ Siba, ka kyerɛɛ no , "Mede biribiara a na ɛyɛ Saulo ne ne fiefoɔ agyapadeɛ no nyinaa ama wo wura Saulo nanabarima no. 10 Wo ne wo mmammarima ne mo asomfoɔ na mobɛdɔ asase no, ayɛ so mfuo ama no, na wanya aduane ama ne fiefoɔ. Na Mefiboset deɛ, ɔne me bɛtena mʼahemfie ha."

Na Siba a na ɔwɔ mmammarima dunum ne asomfoɔ aduonu no buaa , 11 "Me wura pa, asɛm a woaka akyerɛ me no nyinaa, mɛdi so." Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Mefiboset ne Dawid didii daa te deɛ ɔyɛ nʼasene mu ba.

12 Na Mefiboset ɔba abarimaa bi a ne din de Mika. Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Siba fiefoɔ nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset asomfoɔ. 13 Na Mefiboset a ɔyɛ obubuafoɔ no tu kɔɔ Yerusalem kɔtenaa ahemfie .

Veja também