Pular para o conteúdo
Publicidade

Deuteronômio 22

1 wohunu obi nantwie anaa ne dwan nam basabasa a, ɛnyɛ sɛdeɛ wonhunuu no. Kyere no kɔma ne wura. 2 ne wura nte mmɛn wo, anaasɛ wonnim no a, fa no wo fie kɔsi ne wura no bɛba abɛhwehwɛ no na fa nʼaboa ma no. 3 wohunu wo nua bi afunumu anaa ne ntoma anaa ne biribi a ayera ɛkwan no so a, no saa ara. Mmu wʼani ngu so.

4 wohunu wo nua bi afunumu anaa ne nantwie da ɛkwan mu a, nhwɛ nkyɛn. Kɔboa wo yɔnko no na ɔmma aboa no nsɔre.

5 Ɛnsɛ ɔbaa hyɛ mmarima atadeɛ, saa ara nso na ɛnsɛ ɔbarima hyɛ mmaa atadeɛ, ɛfiri , wɔn a wɔyɛ yei Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ.

6 wokɔto anomaa pirebuo da ɛkwankyɛn, ɛhyɛ dua mu anaa ɛda fam na anomaa no maame te ne ba no ho anaa ɔbutu nkosua so a, mfa anomaa no maame ne ne ba no nkɔ. 7 Wotumi fa ne ba no, nanso hwɛ no yie wobɛma ne maame no akɔ sɛdeɛ ɛbɛsi wo yie, na wo nkwa nna aware.

8 wosi ɛdan foforɔ a, si ban fa wo ɛdan no atifi ho nyinaa, na obi amfiri ante anhwe na woamfa mogyahwie ho asodie anto wo ne wo ɛdan no so.

9 Wo bobefuo no, nnua nnɔbaeɛ foforɔ biara bobe no ntam. woyɛ saa a, wonni ho kwan wote bobe aba bobefuo no mu anaasɛ nnɔbaeɛ foforɔ no so aba biara.

10 Mfa nantwie ne afunumu mmɔ mu mfuntum afuo.

11 Mfira ntoma a wɔde kuntu ne serekye afra anwono.

12 wopam atadeɛ a, mpɛsɛe nʼahinanan ɛnan no biara ano.

Nneyɛɛ A Ɛmfata Awadeɛ Mu

13 ɔbarima ware ɔbaa na ɔne no da na akyire no, ɔmpɛ no bio, 14 na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, no edin bɔne , "Mewaree no no, manhunu ɔyɛ ɔbaabunu," 15 a, ɔbaa no agya ne ne maame ho ɛkwan wɔde adansedie a ɛkyerɛ wɔn babaa no ɔbaabunu bɛkyerɛ kuro no mpanimfoɔ kuro no ɛpono ano. 16 Ɛsɛ ɔbaa no agya ka kyerɛ wɔn , "Mede me babaa maa ɔbarima yi awadeɛ nanso ɔse ɔmpɛ no bio. 17 Wabɔ no kwaadu agu nʼanim ase aka , ɔwaree no no wahunu ɔnyɛ ɔbaabunu. Nanso adansedeɛ a ɛkyerɛ ɔyɛ ɔbaabunu no nie." Afei, wɔbɛtrɛ ntoma no mu atemmufoɔ no anim. 18 Atemmufoɔ no bɛtwe ɔbarima no aso. 19 Wɔbɛbɔ no ka dwetɛ kilogram baako wahyɛ da agu Israel ɔbaabunu no anim ase ɔnyɛ ɔbaabunu. Wɔbɛtua sika no ama ɔbaa no agya. Afei, ɔbabaa no bɛyɛ ɔbarima no yere a ɔrennyaa no bio.

20 ɛkɔba kwaadu a wɔde bɔɔ no no , na wɔannya adansedeɛ a ɛfa ne baabunuyɛ no ho ankyerɛ a, 21 wɔde ɔbaa no bɛba nʼagya fie abɔntenpono ano na kurom mmarima asi no aboɔ akum no. Ɔnam adwamammɔ so ayɛ animguaseɛ bɔne Israel ɛberɛ a ɔne nʼawofoɔ te. Ɛsɛ wɔpepa saa bɔne no firi mo mu.

22 wɔhunu ɔbarima bi ne ɔbarima foforɔ bi yere da a, ɛsɛ wɔkum ɔbarima a ɔne ɔbaa no daeɛ no ne ɔbaa no nyinaa. Ɛsɛ motu saa bɔne no ase Israel.

23 ɔbarima bi hyia ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔne obi ahyehyɛ awadeɛ na ɔbarima no ne ababaawa no da, na saa asɛm no sii kuro no mu a, 24 ɛsɛ mode wɔn baanu no kuro no apono ano kɔsi wɔn aboɔ kum wɔn. Ababaawa no di , ɛfiri , wɔanteateam ampɛ mmoa. Ɛsɛ ɔbarima no nso wu, ɛfiri , wafa obi yere. Saa ɛkwan yi so na monam bɛtu bɔne afiri asase no so.

25 ɔbarima bi hyia ɔbaa a obi ahyehyɛ no awadeɛ baabi a ɛnyɛ wɔn ɔman mu, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ wɔkum saa ɔbarima no. 26 Monnyɛ ababaawa no biribiara, ɛfiri , ɔnyɛɛ akunneɛ biara. Saa asɛm yi te obi a wato ahyɛ ne yɔnko so akum no. 27 Esiane ɔbarima no hyɛɛ no ne no daeɛ wiram enti, wɔfa no , ɔteateaam nanso wannya ɔgyefoɔ biara annye no.

28 wɔkyere ɔbarima bi a ɔne ababaawa bi a obi ne no nhyehyɛeɛ awadeɛ ada a, 29 ɛsɛ ɔtua dwetɛ kilogram mmienu ne fa ma ababaawa no agya. Na ɛno akyi, ɛsɛ ɔbarima no ware ababaawa no, ɛfiri , wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no awadeɛ da.

30 Ɔbarima biara nni ho ɔkwan ɔne nʼagya yere da, ɛnsɛ ɔgu nʼagya mpa ho fi.

Veja também