Publicidade

Deuteronômio 4

Ɔsetie Ho Afotuo

1 Afei, Israel montie mmara ne nhyehyɛeɛ a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi yie. Monni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade mo agyanom Onyankopɔn de rema mo no so na moatena . 2 Mommfa bi nka ho, na monnyi biribiara nso mfiri mmara a Awurade mo Onyankopɔn de ama me memfa mma mo no mu, na mmom monni so.

3 Mode mo ani hunuu deɛ Awurade yɛɛ mo Baal-peor no. Ɔsɛee nnipa pii a na wɔsom abosom no. 4 Nanso, wɔn a na wɔdi Awurade mo Onyankopɔn nokorɛ nyinaa da so te ase bɛsi ɛnnɛ.

5 moduru asase a mobɛtena so no so a, yeinom ne mmara a ɛsɛ modi so. Ɛfiri Awurade, yɛn Onyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me memfa mma mo. 6 modi so a, ɛbɛma mo agye nim adwene ne nyansa mu. Na aman a wɔatwa mo ho ahyia no te saa mmara yi a, wɔbɛteam , "Ɔman bɛn na wɔwɔ nyansa ne adwene Israel!" 7 Ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te Awurade, yɛn Onyankopɔn, a yɛfrɛ no a ɔgye yɛn so yi? 8 Na ɔman bɛn na ɛwɔ edin sei a ɛwɔ mmara pa te saa mmara yi a mede rema mo ɛnnɛ yi?

9 Monhwɛ yie! Monhwɛ yie pa ara na mo werɛ amfiri deɛ moahunu Awurade ma mo. mote ase yi, mommma saa nsɛm yi mfiri mo adwene mu da! Na monhwɛ nso mo mma ne mo nananom nso bɛte. 10 Ka kyerɛ wɔn, ne titire no, ɛda a mokɔgyinaa Awurade mo Onyankopɔn anim bepɔ Horeb a ɔka kyerɛɛ me , "Frɛ ɔmanfoɔ no mʼanim na mɛkyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ no. ɛba saa a, wɔbɛsua sɛdeɛ wɔbɛdi me ni berɛ dodoɔ a wɔte ase no, na ɛnam so ma wɔatumi akyerɛ wɔn mma mmara no." 11 Mobɛgyina bɛnee bepɔ no ayaase ɛberɛ a na bepɔ no rehye no. Egyaframa no tu kɔɔ soro a omununkum ne esum kabii aduru no. 12 Na Awurade kasa faa ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no, nanso moanhunu no. Ɛnne kɛkɛ na ɛbaeɛ. 13 Ɔdaa nʼapam a ɔkyerɛɛ mo monni so no adi; mmaransɛm edu a ɔtwerɛɛ guu aboɔ ɛpono mmienu so no. 14 Saa ɛberɛ no na Awurade hyɛɛ me memfa mmara a ɛsɛ modi so asase a morebɛhyɛne so akɔtena so no mma mo.

Ahonisom Ho Kɔkɔbɔ

15 Monhwɛ yie! Ɛberɛ a Awurade kasa faa ogya mu kyerɛɛ mo firi bepɔ Horeb so no, moanhunu no. 16 Ɛno enti, Monnnaadaa mo ho nyɛ mfoni hunu bi mo tirim ɔyɛ ɔbaa anaa ɔbarima, 17 aboa anaa anomaa, 18 aboa a ɔwea fam anaa nsuomnam. 19 Na mohwɛ ewiem na mohunu owia, ɔsrane ne nsoromma a, mma wɔnntwetwe mo nkɔsom wɔn. Awurade, mo Onyankopɔn, yɛɛ saa ewiem abɔdeɛ yi maa nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa. 20 Na mo deɛ, Awurade yii mo firii dadeɛ fononoo mu Misraim mommɛyɛ nʼadedifoɔ sɛdeɛ mote ɛnnɛ yi.

21 Mo enti, Awurade bo fuu me yie. Ɔkaa ntam , merentwa Asubɔnten Yordan nkɔ asase pa a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo mo agyapadeɛ sononko no so da. 22 Ɛwom mobɛtwa Yordan akɔtena asase no so, na me deɛ, mɛwu asuo no fa ha. 23 Enti, monhwɛ yie na moammu apam a Awurade, mo Onyankopɔn, ne mo ayɛ no so. moyɛ abosom sɛso biara a mo Awurade mo Onyankopɔn abra mo no a, na ɛkyerɛ , moabu apam no so. 24 Awurade, mo Onyankopɔn, Onyame ninkunfoɔ ne ogya a ɔhye adeɛ Onyankopɔn.

25 Moawowo mma ne mmanana akyi, na moatena asase no so akyɛre no, bɔne fa mo na moyɛ ohoni bi nam so bɔne Awurade mo Onyankopɔn ani so nam so hyɛ no Abufuo a, 26 mefrɛ ɔsoro ne fam mʼadansefoɔ de tia mo saa ɛda yi , ntɛm so, mobɛhye afiri asase a moretwam so akɔ Yordan akɔfa no so. Morentena nkyɛ na wɔasɛe mo pasapasa. 27 Na Awurade bɛbɔ mo apansam aman mu a mo mu kakra bi na wɔbɛtena ase. 28 Ɛhɔ a ɛyɛ ahɔhosase no so na mobɛsom ahoni a wɔde nnua ne aboɔ na ayɛ, anyame a wɔnhunu adeɛ na wɔnte asɛm na wɔnnidi nte hwa no. 29 Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ Awurade mo Onyankopɔn. Na mode mo akoma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mobɛhunu no. 30 ɔhaw bi to mo na yeinom nyinaa ba mo so a, akyire no, mobɛsane akɔ Awurade mo Onyankopɔn nkyɛn na moayɛ ɔsetie ama no. 31 Ɛfiri , mo Awurade mo Onyankopɔn no mmɔborɔhunu Onyankopɔn. Ɔrennya mo na ɔrensɛe mo anaa ne werɛ remfiri apam a ɔne mo agyanom pameeɛ a ɔkaa ntam sii so no.

Onyankopɔn Baako

32 Hwehwɛ abakɔsɛm mu firi ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ nnipa asase so bɛsi ɛnnɛ yi. Afei, hwehwɛ firi ɔsoro ano kɔsi ɔsoro ano. Hwɛ biribi kɛseɛ a ɛte yei asi pɛn anaasɛ woate biribi saa pɛn? 33 Ɔman bi ate Onyankopɔn nne ɔrekasa afiri ogya mu sɛdeɛ moteeɛ na wɔda so te ase yi anaa? 34 Onyame foforɔ bi nam ɔgye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa, ɔko, tumidie ne ahodwiredeɛ so agye ɔman bi afiri ɔman foforɔ bi nsam afa ne dea anaa? Nanso, saa na Awurade, mo Onyankopɔn, maa mo Misraim a mo ani hunuiɛ.

35 Ɔdaa yeinom nyinaa adi kyerɛɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu Awurade Onyankopɔn a nʼakyi obi nni . 36 Ɔmaa motee ne nne firi soro nam so tenetenee mo so. Ɔmaa mohunuu ne ogya fadum asase so, ɛnna motee ne nne firii ogya no mfimfini. 37 Esiane na ɔpɛ mo agyanom asɛm, na ɔpɛɛ ɔhyira wɔn asefoɔ enti na ɔno ara nam ne tumi kɛseɛ so yii mo firii Misraim no. 38 Ɔpamoo saa aman yi a na wɔn ho den sene mo mo anim sɛdeɛ mobɛba wɔn asase so abɛdi so sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.

39 Enti, monkae na momma no ntim mo akoma mu: Awurade Onyankopɔn ɔsoro ne asase so, na onyame bi nka ne ho bio! 40 moyɛ ɔsetie ma mmara no ne ahyɛdeɛ no a mede bɛma mo ɛnnɛ no a, ɛbɛsi mo ne mo mma yie. Mobɛnyini akyɛre asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo afebɔɔ no so.

Apueeɛ Fam Dwanekɔbea Nkuropɔn

41 Afei, Mose yii nkuropɔn mmiɛnsa bi Yordan apueeɛ fam 42 a, ɛba obi akum obi a wanhyɛ da na ɔnni onipa ko no ho menasepɔ bi a, ɔtumi dwane kɔbɔ ne ho adwaa. 43 Ɔyii Beser a ɛda ɛserɛ ne asase tata so no maa Rubenfoɔ. Ɔde Ramot a ɛwɔ Gilead no maa Gadfoɔ ɛnna ɔde Golan a ɛwɔ Basan no nso maa Manase abusuakuo.

Wɔda Mmara No Adi

44 Yeinom ne mmara a Mose de maa Israelfoɔ no. 45 Israelfoɔ no firii Misraim no, yeinom ne akwankyerɛ, mmara ne ahyɛdeɛ a Mose de maa wɔn 46 ɛberɛ a wɔduruu bɔnhwa a ɛbɛn Bet-Peor a ɛda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam. Kane no, na Amorifoɔ na wɔte asase yi so ɛberɛ a wɔn ɔhene Sihon a ɔfiri Hesbon di adeɛ. Mose ne Israelfoɔ firi Misraim ɛreba no, wɔsɛe ɔhene yi ne nkurɔfoɔ. 47 Wɔfaa nʼasase no sane faa Basanhene Og asase nso kaa ho. Saa ahemfo baanu yi na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo a wɔte Yordan apueeɛ. 48 Saa asase yi na ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subɔnhwa ano kɔsi Sion bepɔ, a wɔfrɛ no Hermon no ho. 49 Israelfoɔ no sane faa nsaase a ɛfiri Araba ɛpo no ano kɔsi bepɔ Pisga ase.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-