Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 1

1 Ɔbarima bi tenaa ase Us1.1 Us yɛ ɔman bi a na ɛda Yordan apueeɛ fam. Na Hiob nyɛ Israelni. asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ ; na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho. 2 Na ɔwɔ mmammarima baason ne mmammaa baasa, 3 na ɔwɔ nnwan mpem nson, nyoma mpem mmiɛnsa, anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ aha enum, na ɔwɔ asomfoɔ bebree. Na ɔyɛ onipa kɛseɛ paa nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam nyinaa no mu.

4 Na ne mmammarima no to ɛpono nnidisoɔ nnidisoɔ wɔn afie mu, na wɔto nsa frɛ wɔn nnuammaa baasa no ne wɔn mu didi, nom. 5 apontoɔ nna no twam a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wɔdwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema ɔhyeɛ afɔdeɛ ma wɔn mu biara, ɛfiri ɔdwene , "Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn akoma mu." Yei dwuma a na Hiob di no ɛberɛ-ano-berɛ ano.

Hiob Sɔhwɛ A Ɛdi Ɛkan

6 Ɛda bi, abɔfoɔ no de wɔn ho bɛkyerɛɛ Awurade, na Satan kaa wɔn ho baeɛ. 7 Awurade bisaa Satan , "Wofiri he na wobaa ha?"

Satan buaa Awurade , "Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu."

8 Na Awurade bisaa Satan , "Wadwene me ɔsomfoɔ Hiob ho anaa? Obiara nte ɔno asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene, ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne."

9 Satan buaa Awurade , "Hiob suro Onyankopɔn kwa anaa? 10 Wonnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho anaa? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nnwan ne nʼanantwie ase atrɛ asase no so. 11 Na wo deɛ, tene wo nsa na sɛe deɛ ɔwɔ nyinaa, na ɔbɛgyina wʼanim na wadome wo."

12 Awurade ka kyerɛɛ Satan , "Ɛyɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wo nsam, nanso ɔno ankasa deɛ, mfa wo nsateaa nka no."

Na Satan firii Awurade anim kɔeɛ.

13 Ɛda bi a Hiob mmammarima ne ne mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔn nuabarima panin fie no, 14 ɔbɔfoɔ bi baa Hiob , bɛkaa , "Anantwie no refɛntɛm na mfunumu no redidi wɔn nkyɛn no, 15 Sebafoɔ1.15 Na Sabafoɔ yɛ atukɔtenafoɔ a na wɔte Arabia anafoɔ fam. bɛto hyɛɛ yɛn so, sesaa wɔn kɔɔeɛ. Wɔde afena kunkumm apaafoɔ no, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo saa amaneɛ yi."

16 Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa , "Onyankopɔn ogya firi soro abɛhye wo nnwan ne wo nnwanhwɛfoɔ no nyinaa, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi."

17 Ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi bɛkaa , "Kaldeafoɔ1.17 Na Kaldeafoɔ yɛ atukɔtenafoɔ a wɔte ɛserɛ a ɛwɔ Mesopotamia so. Wɔn ara na wɔbɛtenaa Babilonia yɛɛ no ahemman. de akorɔmfoɔ akuo mmiɛnsa baa wo nyoma so bɛsoaa wɔn kɔeɛ. Wɔde afena kunkumm asomfoɔ no na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi."

18 Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa , "Na wo mmammarima ne wo mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔn nuabarima panin fie, 19 na prɛko , ahum bi firii ɛserɛ no so bɛdwiraa efie no ntwea ɛnan no. Efie no dwiri guu wɔn so na akunkum wɔn, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi."

20 Yei maa Hiob sɔre gyinaa , sunsuanee nʼatadeɛ mu na ɔyii ne tirinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade 21 kaa ,

"Adagya na mede mefiri me maame yam baeɛ,

na adagya na mede bɛsane akɔ.

Awurade de maeɛ, na Awurade afa;

nhyira nka Awurade din!"

22 Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ.

Veja também