Pular para o conteúdo
Publicidade

Ezequiel 1

Ateasefo No Ne Awurade Anuonyam

1 Afe a ɛto so aduasa no, ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so anum no, na meka wɔn a wɔatwa wɔn asu akɔ amannɔne no ho. Mewɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn anisoadehu mu.

2 Ɔsram no da a ɛto so anum no na ɔhene Yehoiakin adi mfe anum asutwa mu. 3 Awurade asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfo no nkyɛn Asubɔnten Kebar ho Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so.

4 Mehwɛe, na mihuu ahum kɛse bi fi atifi fam reba, omununkum kɛse bi a ɛretwa anyinam na hann bi a ano den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te dade a asɔ kɔɔ. 5 Na ogya no mu na na wohu biribi te ateasefo baanan. Na wɔn su te onipa, 6 wɔn mu biara anim anan na wɔwowɔ ntaban anan anan. 7 Wɔn anan kirebenn, wɔn anammɔn te nantwi ba de na ɛhyerɛn te kɔbere mfrafrae a wɔahoa ho. 8 Wɔwowɔ nnipa nsa ntaban a ɛwowɔ afaafa anan no ase. Wɔn mu biara nnipa nsa anan a baako ntaban biara ase, 9 na wɔn ntaban keka sisi anim. Wɔn nyinaa wɔn anim tee a wɔnnan wɔn ho.

10 Na sɛɛ na wɔn anim tete: Wɔn mu biara onipa anim, wɔwɔ gyata anim nifa so, wɔwɔ nantwi anim benkum so; na wɔn mu biara nso ɔkɔre anim. 11 Saa na na wɔn anim tete. Wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu soro; na wɔn mu biara ntaban abien abien, a mu biara si ɔfoforo de anim benkum ne nifa, na ntaban abien nso katakata wɔn ho. 12 Obiara nʼanim tee. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, na wɔbɛkɔ a wɔnnan wɔn ho. 13 Ateasefo no suban te nnyansramma a ɛredɛw anaa ogyatɛn. Ogya di akɔneaba ateasefo no mu; ɛhyerɛn na mu na anyinam fi twitwa. 14 Na ateasefo no de mmirika di akɔneaba te anyinam a ɛretwitwa.

15 Bere a merehwɛ ateasefo no, mihuu nkyimii si fam ateasefo a wɔn mu biara anim anan no nkyɛn mu. 16 Sɛɛ na na nkyimii no bɔbea te: Etwa yerɛw yerɛw te sikabereɛbo, na anan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ mu biara te nkyimii a ɛtoa nkyimii foforo mu. 17 nkyimii no nam a wɔkɔ faako a ateasefo no ani kyerɛ; nkyimii no nnan wɔn ho bere a ateasefo no nam no. 18 Wɔn hankare no korɔn, na ɛyɛ hu, na aniwa tuatua hankare anan no nyinaa ho.

19 ateasefo no nantew a nkyimii a ɛbatabata wɔn ho no nso saa ara; ateasefo no ma wɔn ho so fi fam a nkyimii no nso ma wɔn ho so. 20 Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ateasefo no nso bɛkɔ, na nkyimii no bɛka wɔn ho ama wɔn ho so, efisɛ ateasefo no honhom nkyimii no mu. 21 ateasefo no tu teɛ a nkyimii no nso saa ara; ateasefo no gyina a, wɔn nso gyina; ateasefo no pagyaw wɔn ho a nkyimii no ne wɔn pagyaw wɔn ho, efisɛ ateasefo no honhom nkyimii no mu.

22 Na ntrɛwmu bi ateasefo no atifi a etwa yerɛw yerɛw te sukyerɛmma, na ɛyɛ hu. 23 Na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban no mu asisi anim ntrɛwmu no ase, na ateasefo no mu biara ntaban abien a ɛkata ne ho. 24 Ateasefo no tu teɛe no, metee wɔn ntaban no nnyigyei a ɛte asu a ɛworo, te Otumfo no nne, anaa asraafo huuyɛ. wogyina a wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu.

25 Na nne bi fi ntrɛwmu a ɛkata wɔn so no atifi bae, bere a wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu na wogyinagyina no. 26 Na biribi a ɛte aboɔdemmo ahengua ntrɛwmu a ɛkata ateasefo no atifi no so, na biribi a ɛte onipa te ahengua so ɔsoro . 27 Mihuu efi nea ayɛ nʼasen mu rekɔ ne soro no na ɔte dade a adɔ kɔɔ ogya a ano asɔ, na efi reba ne fam no na ɔte ogyaframa; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia. 28 Sɛnea nyankontɔn to omununkum mu osutɔ da no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no te.

Eyi Awurade anuonyam ahoyi no sɛso. Na mihui no, mede mʼanim butuw fam, na metee obi a ɔrekasa nne.

Veja também