Pular para o conteúdo
Publicidade

Ezequiel 11

Israel Ntuanofo Atemmu

1 Afei honhom no maa me so de me baa Awurade fi pon a ani kyerɛ apuei fam no ano. Na mmarima aduonu anum , na mihuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofo. 2 Awurade ka kyerɛɛ me se, "Onipa ba, eyinom ne mmarima a wɔbɔ pɔw bɔne na wotu fo bɔne kuropɔn yi mu. 3 Wɔkae se, Bere a wɔde sisi afi no nnuu so ana? Kuropɔn dadesɛn, na yɛyɛ nam.4 Ɛno nti hyɛ nkɔm tia wɔn, hyɛ nkɔm, onipa ba."

5 Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me se menka se, "Sɛɛ na Awurade se: Saa na moreka, mo Israel akannifo, nanso minim nsusuwii a ɛwɔ mo adwene mu. 6 Moakunkum nnipa bebree kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyehyɛ ne mmɔnten so amaama.

7 "Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Afunu a moatotow apete no nam na kuropɔn yi ne dadesɛn no, nanso mɛpam mo afi mu. 8 Musuro afoa, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sɛɛ na Awurade se. 9 Mɛpam mo afi kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafo nsa, na matwe mo aso. 10 Mobɛtotɔ afoa ano, na mebu mu atɛn Israel asase so. Afei mubehu mene Awurade no. 11 Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛnea dadesɛn nam a ɛwɔ mu no ho ban no; Mebu mo atɛn Israel asase so. 12 Na mubehu mene Awurade no, efisɛ moanni mʼahyɛde so, moapo me mmara na nea aman a atwa mo ho ahyia no no na mo nso moyɛ."

13 Afei bere a migu so rehyɛ nkɔm no, Benaia babarima Pelatia wui. Na mede mʼanim butuw fam suu dennen se, "Aa, Otumfo Awurade, wobɛtɔre Israel nkae yi ase koraa ana?"

14 Awurade asɛm baa me nkyɛn , 15 "Onipa ba, wo nuabarimanom, wɔn a wo ne wɔn mogya baako ne Israelfi nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho se, Wɔne Awurade ntam kwan ware, na wɔde saa asase yi maa yɛn yɛn agyapade.’ "

Nyankopɔn Hyɛ Israel Nnommum No

16 "Ɛno nti ka se, Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛwɔ mu mede wɔn kɔɔ akyirikyiri amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so de, nanso bere tiaa bi mu no meyɛɛ wɔn kronkronbea nsase a na wɔwɔ so no so.

17 "Enti ka se, Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mɛboaboa mo ano afi amanaman no ne nsase a mehwetee mo guu so no asan aba, na mede Israel asase bɛsan ama mo.

18 "Wɔbɛsan aba so na wɔayiyi nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no nyinaa. 19 Mɛma wɔn koma koro na mede honhom foforo ahyɛ wɔn mu; meyi wɔn komaden no na mama wɔn koma a ɛyɛ mmerɛw. 20 Afei wobedi mʼahyɛde so na wɔahwɛ akora me mmara yiye. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. 21 Nanso wɔn a wɔde wɔn koma ama nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no de, mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ti so, sɛɛ na Otumfo Awurade se."

22 Afei kerubim no ne wɔn nkyimii trɛtrɛw wɔn ntaban mu, na Israel Nyankopɔn anuonyam konkɔn wɔn so. 23 Awurade anuonyam maa ne ho so fii kuropɔn no mu kogyinaa bepɔw a ɛwɔ apuei fam no atifi. 24 Honhom no maa me so de me baa nnommum a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn anisoadehu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu.

Afei anisoade a mihuu no fii me so kɔɔ ɔsoro. 25 Na mekaa biribiara a Awurade yi kyerɛɛ me no kyerɛɛ nnommum no.

Veja também