Pular para o conteúdo
Publicidade

Ezequiel 47

Asubɔnten A Ɛsen Fi Asɔredan No Ho

1 Ɔbarima no de me san baa asɔredan no kwan ano, na mihuu asu fi asɔredan no abobow ano ase a ɛsen apuei fam (na asɔredan no ani hwɛ apuei fam). Na asu no sen fii asɔredan no ase anafo fam; afɔremuka no anafo fam. 2 Ɔde me fii adi faa atifi fam pon no mu na ɔde me faa mfikyiri baa abɔntenpon a ani hwɛ apuei no, na na asu no sen fi anafo fam.

3 Bere a ɔbarima no rekɔ apuei fam a okura susuhama no, osusuw anammɔn apem ahannum (500,000), na afei ɔde me faa nsu a ɛdeda nan ase mu. 4 Osusuw anammɔn apem ahannum (500,000) bio na ɔde me faa nsu a ɛdeda kotodwe mu. Osusuw anammɔn apem ahannum (500,000) bio na ɔde me faa nsu a ɛdeda sisi mu. 5 Osusuw anammɔn apem ahannum (500,000) bio na afei na asu no ayɛ asubɔnten a merentumi ntwa, efisɛ na mu nti, ɛsɛ woguare asubɔnten a obiara ntumi ntwa. 6 Obisaa me se, "Onipa ba wuhu eyi ana?"

Afei ɔsan de me baa asubɔnten no konkɔn so. 7 Miduu no, mihuu nnua bebree asubɔnten no konkɔn abien no so. 8 Ɔka kyerɛɛ me se, "Saa asu yi sen apuei fam kɔbɔ Araba mu na na ɛbɔ po mu. Faako a ɛbɔ po mu no na nkyene nni asu no mu. 9 Baabiara a asu no sen fa no, abɔde a wɔwɔ nkwa bebree bɛtena . Mpataa bebree bɛba efisɛ saa asu no sen fa na ɛma nsu a ɛyɛ nkyenenkyene no nsu pa; biribiara yiye baabiara a asu no sen fa. 10 Apopofo begyinagyina mpoano ; efi En-Gedi kosi En-Eglaim, wobenya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahorow bebree te mpataa a ɛwɔ Po kɛse no mu. 11 Nanso dontori ne aforɔw no de, ɛbɛtena saa ara. Wobegyaw ama adan nkyene. 12 Nnuaba nnua ahorow benyin asubɔnten no konkɔn abien no so. Wɔn nhaban rempo, na wɔn abasow renni huammɔ. Wɔbɛsow aba ɔsram biara, efisɛ nsu a efi kronkronbea no sen . Wɔn aba bɛyɛ aduan na wɔde wɔn nhaban asa yare."

Asase No So Ahye

13 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: "Ahye a wobɛtoto de akyekyɛ asase no mu ama Israel mmusuakuw dumien no agyapade a kyɛfa abien bɛyɛ Yosef dea no ni. 14 Wobɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ ama wɔn. Efisɛ memaa me nsa so kaa ntam mede bɛma mo agyanom na saa asase yi bɛyɛ mo agyapade.

15 "Eyi na ɛbɛyɛ asase no hye:

"Atifi fam hye no bɛfa Hetlon kwan so akofi Po kɛse no, atwa mu Lebo Hamat akɔ Sedad, 16 Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hye no ntam), na atoa so akɔ Haser Hatikon a ɛno nso Hauran hye so. 17 Ɔhye no befi po no, afa Damasko atifi fam hye so akosi Hasar-Enan na Hamat hye no abɛda atifi fam. Eyi na ɛbɛyɛ atifi fam hye.

18 Apuei fam hye no befi Hauran ne Damasko ntam afa Yordan a ɛda Gilead ne Israel asase no ntam, atoa so afa apuei fam po no akosi Tamar. Eyi na ɛbɛyɛ apuei fam hye."

19 Anafo fam hye no befi Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, na atoa so afa Misraim asuwa akosi Po Kɛse no. Eyi na ɛbɛyɛ anafo fam hye.

20 Atɔe fam no, Po Kɛse no bɛyɛ ɔhye akosi faako a ɛne Lebo Hamat di nhwɛanim. Eyi bɛyɛ atɔe fam hye.

21 "Monkyekyɛ asase yi mma mo ho mo ho, sɛnea Israel mmusuakuw no te. 22 Monkyekyɛ mu agyapade mma mo ho ne ahɔho a wɔte mo mu a wɔwɔ mma. Ɛsɛ mofa wɔn nnipa a wɔawo wɔn Israelfo te mo ara; ɛsɛ wonya kyɛfa Israel mmusuakuw no mu. 23 Abusuakuw biara a ɔhɔho bi bɛdɔm no, mu na ɛsɛ wɔma no nʼagyapade," Otumfo Awurade asɛm ni.

Veja também