Pular para o conteúdo
Publicidade

Ezequiel 7

Awiei No Aba

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 2 "Onipa ba, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka kyerɛ Israel asase no:

" Awiei no! Awiei no adu

asase no ntwea anan no so.

3 Awiei no adu wo so,

na mehwie mʼabufuwhyew agu wo so.

Megyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn na

matua wo ka wo nneyɛe bɔne nyinaa ho.

4 Merenhu wo mmɔbɔ

na meremfa wo ho nkyɛ wo.

Ampa ara metua wo ka wo suban

ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho,

na moahu mene Awurade.

5 "Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

" Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da

nam kwan so reba.

6 Awiei no aba!

Awiei no aba!

Ama ne ho so atia wo.

Aba!

7 Ɔsɛe aba mo so,

aba mo a mote asase no so no so.

Bere no adu, da no abɛn;

huboabɔ a ɛnyɛ mmepɔw so ahosɛpɛw.

8 Merebehwie mʼabufuwhyew agu wo so

de awie mʼabufuw a etia wo no.

Megyina wo nneyɛe so abu wo atɛn,

na matua wo nneyɛe bɔne nyinaa so ka.

9 Merenhu wo mmɔbɔ,

na meremfa wo ho nkyɛ wo.

Metua wo ka wo suban

ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho.

Afei mubehu me, Awurade, na mebobɔ mo.

10 " Da no ni;

hwɛ, aba!

Atemmuda no apue,

abaa no afefɛw,

ahantan ahaahan!

11 Kitikitiyɛ asɔre, abaa

a wɔde twe amumɔyɛ aso.

Ɛrenka nnipa no mu biara,

dɔm no mu biara,

ahonyade ne nea ɛsom bo biara renka.

12 Bere no aso,

da no adu.

Mma adetɔni ani nnye

anaa ɔdetɔnfo werɛ nhow,

efisɛ abufuwhyew nnipadɔm no nyinaa so.

13 Nea ɔtɔn no nsa renka asase

a watɔn no bio

bere a wɔn baanu te ase,

efisɛ anisoadehu a ɛfa nnipadɔm

no nyinaa ho no rensesa.

Wɔn bɔne nti, wɔn mu baako koraa

remfa ne ho nni.

14 " Wɔahyɛn akobɛn no,

na wɔboaboa biribiara ano de,

nanso obiara renkɔ ɔsa,

efisɛ mʼabufuwhyew nnipakuw no nyinaa so.

15 Afoa mfikyiri

na ɔyaredɔm ne ɔkɔm fie;

wɔn a wɔwɔ ɔman no mu

bɛtotɔ afoa ano.

Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no,

ɔyaredɔm ne ɔkɔm bekum wɔn.

16 Wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu

na wɔaguan no bɛtena mmepɔw no so.

Na wɔakurum te

aku mu mmorɔnoma,

wɔn mu biara bɔne nti.

17 Nsa nyinaa bedwudwo

na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛw nsu.

18 Wobefurafura atweaatam

na wɔabɔ huboa.

Aniwu bɛkata wɔn anim

na wɔayi wɔn tinwi.

19 " Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so,

na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ ade a ɛho ntew.

Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ

rentumi nnye wɔn

Awurade abufuwhyew da no.

Ɛrenkum wɔn kɔm

na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma,

efisɛ ayɛ wɔn hintidua de wɔn akɔ bɔne mu.

20 Na wɔde wɔn nnwinne afɛfɛ no hoahoa wɔn ho,

na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwade

ne nsɛsode tantan.

Enti mɛdan eyinom nneɛma a ho ntew no ama wɔn.

21 Mede ne nyinaa bɛma ananafo asade

na mede ama asase so atirimɔdenfo akorɔnne,

na wobegu ho fi.

22 Meyi mʼani afi wɔn so

na wobegu beae a ɛsom me bo no ho fi.

Akorɔmfo bewura

na wɔagu ho fi.

23 " Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn,

efisɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma,

na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.

24 Mɛma aman no mu otirimɔdenfo pa ara

abɛfa wɔn afi;

mɛma ɔhoɔdenfo ahomaso aba awiei,

na wɔn kronkrommea ho begu fi.

25 ehu ba a,

wɔbɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan nanso ɛbɛbɔ wɔn.

26 Atoyerɛnkyɛm bedi atoyerɛnkyɛm akyi aba;

huhuhuhu bedi huhuhuhu akyi.

Wɔbɛpɛ wobenya anisoadehu afi odiyifo no ,

asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn,

saa ara na wɔrennya afotu mfi mpanyimfo .

27 Ɔhene no betwa adwo,

ɔheneba no befura abawpa,

na asase no so nnipa nsa bɛpopo.

Me ne wɔn bedi no sɛnea wɔn nneyɛe te

na megyina wɔn tebea so abu wɔn atɛn.

Afei wobehu me ne Awurade no.’ "

Veja também