9 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛseɛ sene ne nuammarima nyinaa. Ne maame too no edin Yabes, ɛfiri sɛ, ɔnyaa ɔyea wɔ nʼawoɔ mu. 10 Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Israel Onyankopɔn sɛ, "Ao, hyira me na trɛ mʼahyeɛ mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ deɛ mɛyɛ biara mu, na yi me firi ɔhaw ne ɔyea nyinaa mu." Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisadeɛ no maa no.