Publicidade

1 Samuel 1

Samuel Awoɔ

1 Na ɔbarima bi firi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi Yeroham babarima ne Elihu nana nso. Na wɔfiri Tohu fie, a ɛwɔ Suf abusua mu. 2 Na Elkana yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina mma. Hana deɛ, na ɔnni ba.

3 Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafoɔ Silo kɔsom, afɔdeɛ ma Otumfoɔ Awurade Awurade fie. Na Eli mmammarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfoɔ saa ɛberɛ no. 4 Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no, ɔde ɛnam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara. 5 Nanso, Hana deɛ, na ne kyɛfa soronko, ɛfiri , na ɔdɔ no yie, ɛwom na Awurade mmaa no mma. 6 Nanso na Awurade ato nʼawodeɛ mu enti, na Penina di ne ho fɛw. 7 Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Ɛberɛ biara a wɔbɛkɔ Awurade fie no, Penina Hana akutia. Na yei ma Hana su na ɔnnidi mpo. 8 Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no , "Hana, ɛdeɛn asɛm? Adɛn enti na wonnidie? Adɛn enti na wo werɛ ahoɔ, wonni mma nti? Mensom bo mma wo, nsen anka wowɔ mmammarima edu mpo?"

Hana Mpaeɛ Ɔpɛ Ɔba

9 Ɛda koro bi na wɔwɔ Silo no, Hana firii adi anwummerɛ bi a wɔadidi awie ɔrekɔ Awurade fie akɔbɔ mpaeɛ. Na ɔsɔfoɔ Eli te baabi a ɔtena daa Awurade fie ɛpono ano . 10 Hana firi awerɛhoɔ a ano den mu suiɛ, ɛberɛ a na ɔrebɔ Awurade mpaeɛ. 11 Na ɔhyɛɛ , "Ao Awurade Otumfoɔ, wobɛhwɛ wo ɔsomfoɔ awerɛhoɔdie so, na wotie me mpaeɛbɔ ma me ɔbabarima a, ɛnneɛ mede no bɛsane ama wo. Ne nna a ɔbɛdi nyinaa ɔbɛyɛ wo dea. Deɛ ɛbɛyɛ adansedie wɔde no ama Awurade ne wɔremfa yiwan nka ne ti da."

12 Ɔgu so rebɔ Awurade mpaeɛ no, na Eli rehwɛ no. 13 Ɔhunuu ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuu wanom nsã. 14 Ɔbisaa no , "Ɛsɛ woba ha ɛberɛ a waboro nsã anaa? Ma wʼani nna !"

15 Na Hana buaa , "Dabi, me wura, memmoroo nsã, na mmom, me werɛ na aho enti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ Awurade. 16 Mesrɛ wo, mfa no meyɛ ɔbaa omumuyɛfoɔ. Na anibereɛ ne awerɛhoɔ so na merebɔ mpaeɛ."

17 Ɛnna Eli kaa , "saa na ɛte deɛ a, ma wʼani nnye! Israel Onyankopɔn nyɛ wʼabisadeɛ mma wo."

18 Hana teaam , "Meda wo ase, awura!" Ɔsane kɔdidiiɛ, na wanni awerɛhoɔ bio.

Wɔwoo Samuel De No Maa Onyankopɔn

19 Adeɛ kyee anɔpahema no, efie no mu nnipa sɔre kɔsom Awurade bio. Afei, wɔsane kɔɔ Rama. Ɛberɛ a Elkana de ne ho kaa Hana no, Awurade kaee Hana adebisa no, 20 na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Samuel na ɔkaa , "Mebisaa no firii Awurade nkyɛn."

21 Afe akyi no, Elkana, Penina, ne wɔn mma kɔɔ wɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ ama Awurade. 22 Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu , "abɔfra no twa nufoɔ a, mede no bɛkɔ Awurade fie na makɔgya no ama Awurade afebɔɔ."

23 Elkana kaa , "Deɛ wogye di ɛyɛ ma wo biara no, . Tena ha ansa na Awurade mmoa wo mma wonni wo bɔhyɛ so." Enti ɔbaa no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no.

24 Ɔtwaa no nufoɔ wieeɛ no, ɔde no kɔɔ Awurade asɔrefie Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra baeɛ. 25 Wɔde nantwinini no bɔɔ afɔdeɛ wieeɛ no, wɔde abɔfra no brɛɛ Eli. 26 Hana bisaa no , "Owura wokae me anaa? Me wura, me ne ɔbaa a ɔbɛgyinaa ha mfeɛ bebree ni bɔɔ Awurade mpaeɛ no. 27 Mebɔɔ saa abɔfra yi ho mpaeɛ, na Awurade ayɛ mʼabisadeɛ ama me. 28 Enti, seesei, mede abɔfra yi rema Awurade. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ Awurade dea." Na wɔsomm Awurade .

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-