Publicidade

1 Samuel 5

6 Na Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ Asdodfoɔ ne ne mpɔtam hɔfoɔ no. 7 Ɛberɛ Asdodfoɔ hunuu asɛm a aba no, wɔkaa , "Yɛrentumi mma Onyankopɔn Apam Adaka no ntena yɛn nkyɛn. Ɔtia yɛn! Ɔbɛsɛe yɛn ne yɛn nyame, Dagon nyinaa." 8 Enti, wɔfrɛɛ Filistifoɔ nkuropɔn enum mu sodifoɔ nyinaa bisaa wɔn , "Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Onyankopɔn Apam Adaka yi?"

Sodifoɔ no susuu asɛm no ho na wɔbuaa , "Momfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ Gat." Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Gat.

9 Nanso, ɛberɛ a Onyankopɔn Apam Adaka no duruu Gat no, Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ kuro no mufoɔ, mpanin ne mmɔfra, na wɔsuroo yie. 10 Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Ekron kuropɔn mu, na wɔde rewura no, Ekronfoɔ no suu , "Wɔde Israel Onyankopɔn Apam Adaka no reba yɛn nkyɛn de abɛkunkum yɛn nso." 11 Enti, nnipa frɛɛ sodifoɔ no bio, srɛɛ wɔn , "Monsane mfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri ha nkɔ ne ɔman mu, anyɛ saa a, ɛbɛkunkum yɛn nyinaa." Saa ɛberɛ no na ɔyaredɔm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ahyɛ aseɛ dada ama huboa abɛtɔ kuropɔn no so.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-