Publicidade

1 Samuel 5

Apam Adaka No Filistia

1 Filistifoɔ no faa Onyankopɔn Apam Adaka no akyi, wɔmaa so firii Ebeneser akono kɔɔ kuropɔn Asdod mu. 2 Wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Dagon5.2 Dagon yɛ Filistifoɔ nyame kɛseɛ (ɛho nsɛm wɔ Ate 6.23). abosonnan mu. Wɔde kɔsii ohoni Dagon nkyɛn. 3 Nanso, ɛberɛ a adeɛ kyeeɛ a Asdod kuro mma no kɔhwɛeɛ no, na Dagon ahwe fam Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Enti, wɔmaa ohoni no so gyinaa bio. 4 Nanso, adeɛ kyee anɔpa no, na asɛm korɔ no ara asi bio. Na Dagon no ahwe fam Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Saa ɛberɛ yi deɛ, na ne ti ne ne nsa abubu afiri so deda ɛpono ano. Ne kuntunsini na na aka da a ammubu. 5 Ɛno enti na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Dagon asɔfoɔ anaa obiara a ɔbɛwura abosonnan mu no ntia aponnwa no so no.

6 Na Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ Asdodfoɔ ne ne mpɔtam hɔfoɔ no. 7 Ɛberɛ Asdodfoɔ hunuu asɛm a aba no, wɔkaa , "Yɛrentumi mma Onyankopɔn Apam Adaka no ntena yɛn nkyɛn. Ɔtia yɛn! Ɔbɛsɛe yɛn ne yɛn nyame, Dagon nyinaa." 8 Enti, wɔfrɛɛ Filistifoɔ nkuropɔn enum mu sodifoɔ nyinaa bisaa wɔn , "Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Onyankopɔn Apam Adaka yi?"

Sodifoɔ no susuu asɛm no ho na wɔbuaa , "Momfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ Gat." Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Gat.

9 Nanso, ɛberɛ a Onyankopɔn Apam Adaka no duruu Gat no, Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ kuro no mufoɔ, mpanin ne mmɔfra, na wɔsuroo yie. 10 Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Ekron kuropɔn mu, na wɔde rewura no, Ekronfoɔ no suu , "Wɔde Israel Onyankopɔn Apam Adaka no reba yɛn nkyɛn de abɛkunkum yɛn nso." 11 Enti, nnipa frɛɛ sodifoɔ no bio, srɛɛ wɔn , "Monsane mfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri ha nkɔ ne ɔman mu, anyɛ saa a, ɛbɛkunkum yɛn nyinaa." Saa ɛberɛ no na ɔyaredɔm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ahyɛ aseɛ dada ama huboa abɛtɔ kuropɔn no so. 12 Wɔn a wɔanwuwu no, wɔmaa mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn. Na agyaadwotwa baa baabiara.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-