10 Wɔyɛɛ saa. Wɔfaa anantwie mmienu a wɔawo foforɔ de wɔn saa teaseɛnam no so, na wɔde wɔn mma no guu buo mu. 11 Wɔde Awurade Apam Adaka no sii teaseɛnam no mu. Wɔde adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no sii ho. 12 Afei, anantwie no de su faa tempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifoɔ sodifoɔ dii wɔn akyi ara kɔsii Bet-Semes hyeɛ so.
13 Saa ɛberɛ no, na Bet-Semesfoɔ retwa wɔn atokoɔ wɔ bɔnhwa no mu. Enti, wɔpagyaa wɔn ani hunuu Adaka no, wɔdii ahurisie. 14 Teaseɛnam no kɔduruu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua a ɔfiri Bet-Semes afuo mu no, ɛgyinaa ɔbotan kɛseɛ bi ho. Nnipa no twitwaa nnua a wɔde yɛɛ teaseɛnam no mu. Na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. 15 Lewifoɔ no mu bebree faa adaka no ne adakawa a sika agudeɛ wɔ mu no, na wɔde guu ɔbotan kɛseɛ no so. Saa ɛda no, Bet-Semesfoɔ6.15 Bet-Semes yɛ Lewifoɔ kuro (Yos 21.16). Na Lewifoɔ nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔpagya Adaka Kronkron no so de kɔ baabi foforɔ (5 Mose 10.8). bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ bebree maa Awurade.