Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 12

Natan Ka Dawid Anim

1 Awurade somaa odiyifoɔ Natan ɔnkɔka abasɛm yi nkyerɛ Dawid: "Na mmarima baanu bi te kuro bi so. Na mmarima no mu baako osikani, na deɛ ɔka ho no nso ohiani. 2 Na osikani no nnwan ne anantwie bebree, 3 ohiani no deɛ, na ɔnni hwee ka odwanbereɛ ketewa bi a ɔtɔɔ no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyini boom. Na ɔne aboa no di nʼaduane, nom firi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte ɔbabaa ma no.

4 "Ɛda koro bi, ɔhɔhoɔ bi baa osikani no nkyɛn, nanso wankum ne nnwan anaa ne nantwie annoa aduane amfa ansom no hɔhoɔ. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no odwanbereɛ no, de yɛɛ aduane maa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ no no."

5 Dawid tee asɛm no, ne bo fuu saa ɔbarima no yie, na ɔka kyerɛɛ Natan , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɛfata ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wuo. 6 Ɛsɛ ɔtua odwanbereɛ no ka mmɔ ho ɛnan ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔborɔ biara."

7 Ɛhɔ ara, Natan ka kyerɛɛ Dawid , "Wone saa ɔbarima no! Awurade, Israel Onyankopɔn, se, Mesraa wo Israelhene, gyee wo firii Saulo tumi ase. 8 Mede ne fie ne ne yerenom ne Israel ne Yuda ahemman maa wo. Na na ɛnonom nnɔɔso a, anka mɛma wo bebree aka ho. 9 Adɛn enti na woabu Awurade asɛm animtia, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere. 10 Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, akofena na ɛbɛyɛ ahunahunadeɛ ama wo fiefoɔ, ɛfiri , woabu me animtia, afa Hetini Uria yere de no ayɛ wo yere.

11 "Esiane deɛ woayɛ yi enti, me Awurade, mɛma wʼankasa fidua mufoɔ asɔre atia wo. Mede wo yerenom bɛma ɔbarima foforɔ, na ɔne wɔn bɛda ama obiara ahunu. 12 Woyɛɛ yei kɔkoam, nanso mɛma deɛ ɛreba wo so no ada dwa, ama Israel nyinaa ahunu."

Dawid Gye Ne Bɔne To Mu

13 Na Dawid ka kyerɛɛ Natan , "Mayɛ bɔne atia Awurade."

Natan buaa , "Awurade ayi wo bɔne no afiri wo so. Worenwu. 14 Nanso, woama Awurade atamfoɔ ɛkwan wɔmmu no animtia, ngu ne din ho fi enti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bɛwu."

15 Natan kɔɔ ne fie ara , Awurade maa abɔfra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree dendeenden. 16 Dawid srɛɛ Onyankopɔn ɔmma abɔfra no nkye. Ɔkyenee ho kɔm, na ɔkɔɔ fie, na anadwo mu no nyinaa, ɔdaa fam tim. 17 Mpanimfoɔ a wɔwɔ ne fie srɛɛ no ɔnsɔre na ɔne wɔn nnidi, nanso wampene. 18 Ne nnanson so, abɔfra no wuiɛ. Na Dawid afotufoɔ no suro wɔbɛbɔ no amaneɛ abɔfra no awu, ɛfiri , na wɔn adwene ne , "Ɛberɛ a na abɔfra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no abɔfra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi."

19 Na Dawid hunuu nʼafotufoɔ no reyɛ huhuhuhu no, ɔtee nka abɔfra no awu. Ɔbisaa , "Abɔfra no awu anaa?"

Wɔbuaa , "Aane, wawu."

20 Na Dawid sɔre firii fam . Afei, ɔdware wieeɛ a ɔpetee ne ho aduhwam, na ɔsesaa ne ntadeɛ no, ɔkɔɔ Awurade efie kɔsomee. Afei, ɔkɔɔ nʼankasa efie, na ɔno ankasa bisa ma wɔbrɛɛ no aduane, na ɔdidiiɛ.

21 Nʼafotufoɔ no bisaa no , "Deɛ woreyɛ yi, aseɛ ne sɛn? Ɛberɛ a abɔfra no te ase no, wodii mmuada, twaa agyaadwoɔ. Na afei a wawu no mmom na woasɔre adidie!"

22 Ɔbuaa , "Ɛberɛ a na abɔfra no da so te ase no deɛ, medii abuada, twaa agyaadwoɔ. Medwenee , Hwan na ɔnim? Ebia, Awurade bɛhunu me mmɔbɔ ama abɔfra no atena.23 Na afei a wawu yi, adɛn enti na ɛsɛ medi abuada? Mɛtumi asane de no aba nkwa mu bio anaa? Mɛkɔ ne nkyɛn da bi, na ɔno deɛ, ɔrensane mma me nkyɛn ha da."

24 Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ, na ɔne no daeɛ. Ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima, na wɔtoo no edin Salomo. Awurade pɛɛ abɔfra no asɛm, 25 na ɔde asɛm faa odiyifoɔ Natan so , ɛsɛ abɔfra no din Yedidia, ɛfiri na Awurade no.

Dawid Ko Fa Raba

26 Saa ɛberɛ no, na Yoab ne Israel akodɔm no reyɛ awie Amon ahenkuro Raba tua no nkonimdie so. 27 Yoab somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no , "Mako atia Raba, afa deɛ wɔnya wɔn nsuo firie. 28 Afei, fa akodɔm a wɔaka no bra na wɔnwie adwuma no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛnya nkonimdie animuonyam no sene ɛbɛyɛ me dea."

29 Enti, Dawid dii nʼakodɔm a wɔaka no anim kɔɔ Raba kɔfaa . 30 Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛ, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛ no a aboɔdemmoɔ bobɔ mu. Na emu duru kilogram aduasa ɛnan. Dawid foo asadeɛ bebree kuropɔn no mu. 31 Ɔsane faa nnipa a wɔwɔ Raba no nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɛwan, pinkase ne nkuma yɛɛ adwuma ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkuro nyinaa so dii noɔ. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem.

Veja também