Pular para o conteúdo
Publicidade

Números 11

Israelfoɔ Anwiinwii

1 Ankyɛre biara na nnipa no firii aseɛ nwiinwii nneɛma nkɔ yie mma wɔn, na Awurade teeɛ. Nʼabufuhyeɛ kɔɔ wɔn so wɔn anwiinwii no ho. Yei enti, Awurade maa ogya bɛhyee beaeɛ a na wɔte no mfikyire. 2 Wɔteateaam frɛɛ Mose ɔmmɛgye wɔn. Mose bɔɔ mpaeɛ srɛɛ Awurade maa wɔn na ogya no dumiiɛ. 3 Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ edin Tabera a asekyerɛ ne "Ahyeɛ", ɛfiri , ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn no hyee wɔn atenaeɛ .

4 Misraimfoɔ a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Yei amma Israelfoɔ no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ no, enti wɔsuu , "Hwan na ɔbɛma yɛn aduane adi? 5 Ɛberɛ a na yɛwɔ Misraim no, na yɛnya ɛnam ne nsuomnam we. Saa ara nso na na yɛnya kokumba, ɛferɛ, gyeene ne galik nso die. 6 Nanso, seesei deɛ, yɛn ahoɔden so ate na ɛda biara yɛnnya biribiara mana nko ara."

7 Na mana no kɛseɛ te wisa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae firi dubona ho agu fam. 8 Nnipa no tasee firi fam na wɔayam anaa wɔasi no waduro mu ama adane esiam. Wɔwie a, wɔnoa de bi taterɛ. Woka wʼano a, ɛte taterɛ a wɔakye nhahamma ngo mu. 9 Anadwo bosuo mu na mana no .

10 Mose tee mmusuakuo no nyinaa gyinagyina, atwa wɔn ntomadan ho ahyia resu. Yei hyɛɛ Awurade abufuo yie. Na anyɛ Mose nso abodwo koraa. 11 Mose bisaa Awurade , "Adɛn enti na woyɛ me saa na wode saa nnipa a wɔte seyie yi nyinaa adesoa abɛsoa me? 12 Wɔyɛ me mma anaasɛ me nso meyɛ wɔn agya? Yei enti na wode wɔn ama me menhwɛ wɔn nkɔkoaa kɔsi yɛbɛduru asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho no? 13 Ɛhefa na merekɔfa ɛnam abrɛ nnipa yi? Wɔsu kyerɛ me , Ma yɛn ɛnam!14 Mʼankasa merentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu duru ma me dodo! 15 Na saa na wo ne me bɛdi no deɛ a, mesrɛ, kum me seesei ara; ɛbɛyɛ adom ama me! Yi me firi saa ahokyere yi mu!"

16 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiaeɛ Ntomadan no mu na wo ne wɔn nnyina . 17 Mɛba na me ne wo abɛkasa na honhom a ɛwɔ wo so no, mɛfa na mede akɔgu wɔn nso so bi; ɛba saa a, wɔne wo bɛsoa nnipa no adesoa sɛdeɛ ɛrenyɛ wo nko ara wʼadesoa.

18 "Ka kyerɛ nnipa no na wɔnnwira wɔn ho na ɔkyena, wɔbɛnya ɛnam awe. Ka kyerɛ wɔn , Awurade ate mo sufrɛ a ɛfa nneɛma a mogyaa no Misraim no ho na ɔrebɛma mo ɛnam. Mobɛwe; 19 ɛnyɛ ɛda koro anaa nnanu anaa nnanum anaa dadu anaa adaduonu! 20 Na bosome baako mu, mobɛwe ɛnam ara ma apuro mo ama afa mo hwene mu. Ɛfiri , moapo Awurade a ɔka mo ho ha no, na moasu ama Misraim nso.’ "

21 Mose kaa , "Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛnna woahyɛ wɔn wobɛma wɔn ɛnam awe ara bosome! 22 yɛkum yɛn nnwan ne yɛn anantwie nyinaa koraa a, ɛrenso wɔn so. Ɛsɛ yɛkyere ɛpo mu ɛnam nyinaa ansa na yɛatumi adi wo bɔhyɛ no so!"

23 Na Awurade bisaa Mose , "Da bɛn na meyɛɛ mmerɛ? Afei wobɛhunu mʼasɛm nokorɛ anaa ɛnyɛ nokorɛ."

24 Enti Mose firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔkaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Ɔboaboaa mpanimfoɔ aduɔson ano ma wɔtwaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho hyiaeɛ. 25 Na Awurade nam omununkum mu baa fam ne Mose kasaeɛ, na ɔfaa honhom a ɛwɔ Mose so no de guu mpanimfoɔ aduɔson no so. Ɛberɛ a honhom no baa wɔn so kakra no, wɔhyɛɛ nkɔm mmerɛ tiawa bi mu.

26 Nanso na mpanimfoɔ aduɔson no mu baanu a wɔfrɛ wɔn Eldad ne Medad da so wɔn atenaeɛ . Na mmerɛ a honhom no baa wɔn so no, wɔhyɛɛ nkɔm . 27 Mmeranteɛ bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose asɛm a asie no ho amaneɛ 28 na Nun babarima Yosua a na wɔayi no ɔnyɛ Mose ɔboafoɔ no ampene so, na ɔkaa , "Owura, ma wɔnnyae!"

29 Mose bisaa no , "Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka Awurade nkurɔfoɔ nyinaa adiyifoɔ a Awurade de ne honhom agu wɔn nyinaa so!" 30 Afei, Mose ne Israel mpanimfoɔ no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ .

31 Awurade bɔɔ ahum maa ɛde mmoko firi ɛpo mu bɛguu atenaeɛ ne ɛho mmaa nyinaa. Baabiara a obi bɛfa no, na nnomaa yi bi atu nenam asase ani bɛyɛ anammɔn ɛnan. 32 Enti ɛda mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkumm wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyeeɛ nso. Deɛ wannya bi no koraa na ɔnyaa susukora ɔha! Mmoko buu so atenaeɛ nyinaa. 33 Na nnipa no firii aseɛ wee mmoa no bi. Wɔhyɛɛ aseɛ weeɛ no, Awurade bo sane fuu wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kumm wɔn mu fa kɛseɛ no ara. 34 Enti wɔtoo beaeɛ edin Kibrot-Hataawa a asekyerɛ ne, "Akɔnnɔ damena" ɛfiri , wɔn a na wɔn ani bere ɛnam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wɔsiee wɔn .

35 Ɔman no tu firii kɔtenaa Haserot kakra.

Veja também