Nnipa No Tee Atua
1 Afei, nnipa no nyinaa firii aseɛ suu dendeenden anadwo no nyinaa. 2 Wɔde nne korɔ kasa tiaa Mose ne Aaron. Wɔsuu sɛ, "Sɛ yɛwuwuu wɔ Misraim anaa ɛserɛ so ha a, anka yɛpɛ no saa ara 3 sen sɛ wɔde yɛn bɛkɔ kuro a ɛwɔ yɛn anim no so. Awurade bɛkum yɛn wɔ hɔ na yɛn yerenom ne yɛn mma ayɛ nkoa wɔ hɔ. Momma yɛmfiri ha na yɛnkɔ Misraim!" 4 Saa asɛm yi dii wɔn nyinaa tirim dɛm. Enti wɔteaam sɛ, "Momma yɛnyi ɔpanin bi na ɔnni yɛn anim nsane mfa yɛn nkɔ Misraim."
5 Afei, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israelfoɔ no anim. 6 Akwansrafoɔ baanu, a wɔn ne Nun babarima Yosua ne Yefune babarima Kaleb sunsuanee wɔn ntadeɛ mu 7 na wɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, "Asase a ɛda yɛn anim no yɛ asase pa. 8 Na sɛ yɛsɔ Awurade ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so dwoodwoo na ɔde hɔ ahyɛ yɛn nsa. Ɛyɛ asase bereɛ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen wɔ soɔ, na ɔde bɛma yɛn. 9 Ao, monnyɛ dɔm ntia Awurade, na monnsuro nnipa a wɔwɔ asase no so no nso. Na wɔte sɛ burodo bi a yɛdie ma yɛn! Awurade ne yɛn wɔ hɔ na wɔn deɛ, wayi ne nsa afiri wɔn so! Monnsuro wɔn!"