Publicidade

Números 17

Aaron Poma Fefɛ

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "Ka kyerɛ Israelfoɔ no , abusua biara ɔdaanoni no ntwa poma na ɔntwerɛ ne din ho. 3 Aaron din na wɔbɛtwerɛ agu Lewi abusuakuo poma no ho. 4 Momfa mpoma yi ngu Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyiaeɛm baabi a mehyia mo adaka no anim no. 5 Menam mpoma yi so bɛkyerɛ onipa a mɛyi no no, na ne poma no ho bɛfefɛ! Ɛno akyi, anwiinwii a wɔnwiinwii tia wo no nyinaa to bɛtwa."

6 Enti, Mose hyɛɛ saa mmara yi maa nnipa no maa ahemfo dumienu no a Aaron ka wɔn ho de wɔn mpoma brɛɛ no. 7 Ɔde guu Awurade anim Adanseɛ Ntomadan no mu .

8 Adeɛ kyeeɛ a ɔkɔɔ mu no, ɔhunuu Aaron poma a ɛwɔ ma Lewi abusuakuo no afefɛ ayɛ frɔmm, aso aba a ɛsensɛn so. 9 Ɛberɛ a Mose de firii Awurade baeɛ ɔde rebɛkyerɛ nkurɔfoɔ no, wɔhunuiɛ no, wɔn ho dwirii wɔn. Afei, obiara gyee ne poma, gye Aaron nko.

10 Awurade ka kyerɛɛ Mose ɔmfa Aaron poma no nto adaka no ho pɛɛ na ɔmfa nkae saa adɔnyɛ no. Na ɛsɛ ɔde ba bɛkyerɛ nnipa no bio na anwiinwii bi a ɛtia Aaron tumi a, ɛbɛsi amanehunu foforɔ a anka ɛbɛba nnipa no so no ano. 11 Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no ɔnyɛ no.

12 Nanso Israelfoɔ no kɔɔ so nwiinwiiɛ , "Yɛyɛ teaseawuo. 13 Obiara a ɔbɛbɛn Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no ho no wu. Ɛsɛ yɛn nyinaa ase hye anaa?"

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-