Pular para o conteúdo
Publicidade

Ezequiel 13

Atoro Adiyifo Atemmu

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 2 "Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel adiyifo a wɔhyɛ nkɔm mprempren no. Ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no se: Muntie Awurade asɛm! 3 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Nnome nka adiyifo nkwaseafo a wodi wɔn ankasa honhom akyi na wonhuu hwee no. 4 Ao Israelfo, mo adiyifo yi te nnwiriwii mu sakraman. 5 Monkɔɔ morekosiesie afasu no afaafa a abubu no ama Israelfi, sɛnea ebetumi agyina pintinn ɔko no ano Awurade da no.6 Wɔn adehu atoro, na wɔn adebisa nnaadaa. Wɔka se, Awurade aka se,bere a Awurade nsomaa wɔn, nanso wɔhwɛ anim wɔn nkɔmhyɛ bɛba mu. 7 moka se, Sɛɛ na Awurade se,bere a menkasae a, na mo anisoadehu nyɛ atoro? Na mo adebisa nso, ɛnyɛ nnaadaa ana?

8 "Ɛno nti, sɛnea Otumfo Awurade se ni: Mo nsɛm a ɛyɛ atoro ne mo nnaadaa anisoadehu nti, me ne mo anya, Otumfo Awurade asɛm ni. 9 Me nsa betia adiyifo a wɔn anisoadehu atoro na wɔn abisa nnaadaa. Wɔremfra me nkurɔfo bagua mu, na wɔrenkyerɛw wɔn din Israelfi nhoma no mu na wɔn anan rensi Israel asase so. Na afei mubehu mene Otumfo Awurade.

10 "Esiane wɔama me nkurɔfo ayera kwan, na wɔka se Asomdwoe,bere a asomdwoe nni , na afei wɔto ɔfasu a enni ahoɔden bi a na wɔde akaadoo afa so, 11 ɛno nti ka kyerɛ wɔn a wɔka akaadoo no se, ɔfasu no rebebu. Osu a ɔhweam mu bɛtɔ, na mɛsoma mparuwbo, na mframa a ano den bɛbɔ. 12 Na ɔfasu no bu gu fam a, nnipa remmisa wo se, he na akaadoo a wɔde sraa ho no afa,ana?

13 "Ɛno nti, nea Otumfo Awurade ka ni: Mʼabufuwhyew mu, mɛma ahum atu, na mʼabufuw mu no, mparuwbo ne osuhweam de adesɛe ahoɔden atɔ. 14 Medwiriw ɔfasu a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada . ɔfasu no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo mu, na mubehu mene Awurade. 15 Enti mede mʼabufuwhyew bɛkɔ ɔfasu no ne wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no so. Mɛka akyerɛ mo se, "Ɔfasu no nni bio na saa ara na wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no nso nni , 16 saa Israel adiyifo a wɔhyɛɛ nkɔm maa Yerusalem na wohuu asomdwoe anisoade bere a asomdwoe nni no," Otumfo Awurade na ose.

17 "Afei onipa ba, ma wʼani nkɔ wo nkurɔfo a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no mmabea so. Hyɛ nkɔm tia wɔn 18 na ka se, Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Nnome nka mmea a wɔpempam ntafowayi bansrɛ hyehyɛ wɔn nsakɔn na wɔpempam nkataanim ntiaa ne atenten kata wɔn anim de sum nnipa mfiri. Mubesum me nkurɔfo nkwa mfiri na mo de, moakora mo de so ana? 19 Moasopa me me nkurɔfo mu de agye atoko nsa ma kakraa bi ne brodo asinasin. Monam atoro a mudi kyerɛ me nkurɔfo a wotie atoro so akunkum wɔn a anka ɛnsɛ wowuwu, na moama wɔn a anka ɛnsɛ wɔtena nkwa mu no afa wɔn ho adi.

20 " Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mitia mo ntafowayi bansrɛ a mode sum nkurɔfo mfiri nnomaa no, na mɛtetew afi mo abasa so; megyaa nnipa a musum wɔn afiri nnomaa no. 21 Mɛtetew mo nkataanim no mu afi mo anim, na magye me nkurɔfo nkwa afi mo nsam, na morennya wɔn so tumi bio. Afei mubehu me ne Awurade. 22 Esiane mode atoro maa atreneefo aba mu buu bere a menhyɛɛ wɔn awerɛhow, na mohyɛɛ amumɔyɛfo nkuran se wɔnkɔ so wɔn akwammɔne so na moagye wɔn nkwa no 23 nti, morenhu atoro anisoade bio na mubegyae ntafowayi nso. Megye me nkurɔfo afi mo nsam na afei mubehu me ne Awurade no.’ "

Veja também