Publicidade

1 Crônicas 13

Dawid Ɔkɔfa Apam Adaka No

1 Dawid ne ne mpanimfoɔ a nʼasraafoɔ asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina. 2 Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia no nyinaa , "mopene so na ɛyɛ Awurade yɛn Onyankopɔn a, momma yɛnto nkra nkɔma Israelfoɔ a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ nkuro so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho. 3 Ɛberɛ aduru yɛsane de yɛn Onyankopɔn Apam Adaka no ba, ɛfiri , Saulo ahennie ɛberɛ so no, yɛampɛ anhwɛ." 4 Badwa no penee saa asɛm yi so ɛfiri , wɔhunuu , wɔyɛ saa a, ɛyɛ.

5 Enti, Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, ɛfiri ɔman no tire kɔsi tire, wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri Kiriat-Yearim mmra. 6 Afei, Dawid ne Israelfoɔ no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ Kerubim ntam na Awurade din da so no aba.

7 Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so de firii Abinadab fie a Usa ne Ahio rekyerɛ ɛkwan. 8 Dawid ne Israelfoɔ nyinaa firii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahodoɔ a ebi asankuo, mmɛnta, mpintin, nnawuro ne ntotorobɛnto dii ahurisie Onyankopɔn anim.

9 Nanso wɔduruu Nakon ayuporobea no, anantwie no anan totoeɛ maa Usa tenee ne nsa ɔretene Apam Adaka no. 10 Ɛhɔ na Awurade abufuo sɔre tiaa Usa maa ɔwuiɛ ɛfiri , ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu Onyankopɔn anim ara.

11 Dawid bo fuiɛ, ɛfiri Awurade abufuo atia Usa. Ɔtoo beaeɛ edin Peres-Usa a wɔda so frɛ saa de bɛsi ɛnnɛ.

12 Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na ɔbisaa , "Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?" 13 Enti, Dawid yɛɛ nʼadwene ɔnna mfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kuro no mu. Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fie Gat. 14 Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafoɔ nkyɛn abosome mmiɛnsa. Na Awurade hyiraa no ne ne fiefoɔ nyinaa.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-