11 Enti, ɔbisaa Yisai sɛ, "Mmammarima a wowɔ nyinaa ni anaa?"
Yisai buaa sɛ, "Akumaa pa ara wɔ hɔ, nanso ɔrehwɛ nnwan."
Samuel kaa sɛ, "Soma na wɔnkɔfa no mmra seesei. Sɛ ɔmmaeɛ a, yɛrentena ase nnidi."
12 Enti, Yisai soma ma wɔkɔfaa no baeɛ. Na ɔyɛ bɔkɔɔ a ahoɔfɛ adware no na nʼani yɛ fɛ.
Awurade kaa sɛ, "Sɔre na sra no ngo. Ɔno nie."
13 Enti, Samuel faa toa a ngo wɔ mu no sraa no wɔ ne nuanom anim. Na, ɛfiri saa ɛda no, Awurade honhom baa Dawid so wɔ tumi mu. Samuel kɔɔ Rama.