Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 13

Amnon To Tamar Monnaa

1 Na Dawid babarima Absalom nuabaa bi a na ne ho yie. Na saa ɔbaa no din de Tamar.13.1 Na Tamar yɛ Maaka babaa. Na Maaka yi yɛ Gesurhene babaa (3.3). Amnon nso na ɔyɛ Ahinoam babarima. Na Ahinoam Dawid yere a ɔdi ɛkan na Amnon nso, na ɔyɛ Dawid abakan barima a amanneɛ mu no, ɔbɛdi adeɛ daakye. Na Amnon a ɔyɛ ne nuabarima no kɔn dɔɔ no.

2 Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kɔsii ɛbɔɔ no yadeɛ. Na ɔyɛ ɔbaabunu enti, na Amnon susu ne no nkɔsi hwee.

3 Na Amnon adamfo oniferefoɔ bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima. 4 Ɛda koro bi, Yonadab bisaa Amnon , "Asɛm bɛn na aba? Adɛn enti na ɛsɛ ɔhene babarima bosaa anɔpa biara saa?" Na Amnon buaa no , "Medɔ Tamar, Absalom nuabaa no."

5 Yonadab kaa , "Ɛyɛ, mɛkyerɛ wo deɛ wobɛyɛ. Sane na kɔda wo mpa so, na hyɛ da deɛ woyare no. wʼagya bɛhunu wo a, ka kyerɛ no ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduane bi mma wo nni. Ka kyerɛ no , ɔno brɛ wo aduane di a, wo ho bɛtɔ wo."

6 Enti, Amnon boapa yareeɛ. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no , "Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma menni." 7 Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fie, kɔnoaa aduane maa no.

8 Ɛberɛ a Tamar duruu Amnon efie no, ɔkɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu, sɛdeɛ Tamar refotɔ asikyiresiam a ɔbɛhunu. Enti, ɔtoo burodo sononko bi maa no. 9 Nanso, ɔde aduane no guu apaawa so bɛsii nʼanim no, wampɛ ɔdi. Na Amnon ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔwɔ no , "Obiara mfiri ha nkɔ!" Enti, wɔn nyinaa kɔeɛ.

10 Afei, ɔka kyerɛɛ Tamar , "Fa aduane no brɛ me me pia mu, na bubu hyɛ mʼano." Enti, Tamar maa so de kɔɔ . 11 Na ɛberɛ a ɔgu so de rema no no, ɔto hyɛɛ ne so, na ɔkaa , "Wo ne me nna, me nuabaa ɔdɔfoɔ."

12 Na Tamar teaam , "Dabi, onua barima! Nni saa nkwaseasɛm no! Ɛnyɛ me saa! Wonim , woyɛ a, ɛyɛ bɔne kɛseɛ Israel. 13 Na ɛhe na anka mede saa aniwuo no bɛfa? Na wɔbɛka , wo nso woyɛ nkwaseafoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Israel no mu baako. Mesrɛ wo, ka biribi kɛkɛ kyerɛ ɔhene, na ɔbɛma woaware me." 14 Nanso, Amnon ampene so. Na ɛsiane ɔwɔ ahoɔden sene Tamar enti, ɔtoo no monnaa.

15 Ɛhɔ ara, Amnon no danee ɔtan. Ɔtan no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔteateaam , "Firi ha ntɛm!"

16 Tamar nso teateaam , "Dabi. worepam me afiri ha seesei no bɔne kɛseɛ koraa sene deɛ woayɛ me dada no."

Nanso, Amnon ampɛ ɔbɛtie no. 17 Ɔteaam frɛɛ ne ɔsomfoɔ hyɛɛ no , "Pam saa ɔbaa yi firi ha, na to ɛpono no mu!" 18 Enti, ɔsomfoɔ no pamoo no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛdeɛ na amanneɛ kyerɛ ɔhene babaa a ɔyɛ ɔbaabunu ho no. 19 Nanso, Tamar sunsuanee ne batakari no mu, de nsõ guu ne tiri mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de esu sii ɛkwan so.

20 Ne nuabarima Absalom hunuu no bisaa no , "Wo nuabarima Amnon ne wo ada anaa? dinn, me nuabaa; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wʼakoma mu." Na Tamar tenaa ase ankonam werɛhoni baa Absalom fie.

21 Ɛberɛ a ɔhene Dawid tee asɛm yi no, ne bo fuu yie. 22 Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso, ɔtan Amnon yie, ɛfiri , wagu ne nuabaa Tamar anim ase.

Absalom Amnon So Awere

23 Mfeɛ mmienu akyi, ɛda koro bi a na wɔretwitwa Absalom nnwan ho nwi Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hyeɛ so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmammarima nyinaa wɔmmra . 24 Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Me nnwan nwitwitwafoɔ reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfoɔ bɛba abɛka me ho anaa?"

25 Ɔhene buaa , "Dabi, me ba. Ɛnsɛ yɛn nyinaa ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo." Ɛwom Absalom hyɛɛ no deɛ, nanso wampene ɔbɛkorɔ, na ɔhyiraa no kosɛkosɛ.

26 Na Absalom kaa , "saa na ɛte deɛ a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho."

Ɔhene no bisaa no , "Adɛn enti na wobisa Amnon?" 27 Nanso, ɔhyɛɛ no enti, ɔmaa Amnon ne ahenemma no nyinaa bɛkaa ne ho.

28 Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no , "Montie! Montwɛn na Amnon mmoro nsã, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ na moakum no. Monnsuro. Me ara na mahyɛ mo monyɛ saa. Momfa akokoɔduru nyɛ." 29 Enti, Absalom mmarima no yɛɛ Amnon saa, sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei, ahene mmammarima no nyinaa sɔre tenatenaa wɔn mfunumu so, na wɔdwaneeɛ.

30 Ɛberɛ a wɔresane akɔ Yerusalem no, saa asɛm yi duruu Dawid asom , "Absalom akunkum wo mmammarima no nyinaa a anka ɔbaako koraa." 31 Ɔhene no huri sii fam, sunsuanee nʼatadeɛ mu, daa fam. Nʼafotufoɔ nyinaa de ahodwirie ne awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, dedaa fam saa ara.

32 Nanso, ankyɛre biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no bɛduruu kaa , "Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Ɛfiri ɛberɛ a Amnon too ne nuabaa Tamar monnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa. 33 Dabi, wo mma no nyinaa nwuwuiɛ saa. Ɛyɛ Amnon nko ara."

34 Saa ɛberɛ no, na Absalom adwane.

Ɔwɛmfoɔ a ɔwɔ Yerusalem ɔfasuo so no hunuu ɛdɔm kɛseɛ firi atɔeɛ fam reba kuro no mu. Ɔtuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amaneɛ , "Mahunu ɛdɔm firi Horonaim ɛkwan a ɛda bepɔ no nkyɛn mu no so reba."

35 Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene no , "Wɔn na wɔreba no! Wo mma no reba sɛdeɛ mekaeɛ no."

36 Ankyɛre na wɔbɛduruiɛ a, wɔretwa adwo, te anisuo, na ɔhene ne ne mpanimfoɔ nso twaa agyaadwoɔ.

37 Na Dawid suu ne babarima Amnon nna bebree. Na Absalom dwane kɔɔ ne nana barima Talmai a na ɔyɛ Amihud a na ɔyɛ ɔhene Gesur no babarima nkyɛn.

38 Ɔkɔtenaa Gesur mfeɛ mmiɛnsa. 39 Na Dawid a afei wagyae Amnon wuo no ho asɛm no pɛɛ ɔne ne babarima Absalom sane ka bom.

Veja também