Publicidade

Números 10

Dwetɛ Ntotorobɛnto

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "Fa dwetɛ a wɔaboro ntotorobɛnto mmienu na wɔahyɛn de afrɛ nnipa no, na watu ntomadan no akɔ. 3 wɔhyɛn ntotorobɛnto mmienu no a, nnipa no bɛhunu , ɛsɛ wɔboa wɔn ho ano Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. 4 Na wɔhyɛn baako a, na ɛkyerɛ Israel mmusua no mu mpanimfoɔ na ɛsɛ wɔba wo nkyɛn. 5 mohyɛn de kyerɛ monkɔ mo anim a, mmusuakuo a wɔwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan apueeɛ fam no bɛtu wɔn atenaeɛ na wɔakɔ. 6 mohyɛn deɛ ɛtɔ so mmienu no a, mmusuakuo a wɔwɔ anafoɔ fam no bɛdi so. Monhyɛn no ntiantia mu mfa nkyerɛ wɔnkɔ. 7 Na mofrɛ nnipa no ma wɔbɛhyia a, momfa ɛkwan foforɔ so nhyɛne ntotorobɛnto no.

8 "Aaron mmammarima asɔfoɔ nko ara na wɔbɛma wɔn ɛkwan ama wɔahyɛn ntotorobɛnto no. Yei mmara a ɛbɛtena daa afiri awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. 9 moduru Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfoɔ ko na mohyɛn ntotorobɛnto no a, Awurade, mo Onyankopɔn bɛtie mo na wagye mo afiri mo atamfoɔ nsam. 10 Anigyeberɛ mu nso, monhyɛn ntotorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Bosome biara ahyɛaseɛ nso, monhyɛ mfa nnye mo ani ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho. moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo apam no. Na mene Awurade mo Onyankopɔn."

11 Bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so aduonu no a ɛyɛ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no, omununkum no pagyaa ne ho firii Ahyiaeɛ Ntomadan no so, 12 enti Israelfoɔ no firii Sinai ɛserɛ so dii omununkum no akyi kɔsii ɛkɔgyinaa Paran ɛserɛ so. 13 Ɛberɛ a ɛsɛ wɔtu no duruiɛ no, Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn.

14 Akwantuo no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuo no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na ɔtu wɔn frankaa na wɔdi ɛkan. 15 Wɔn a wɔdi so ne Isakar abusuakuo a Suar babarima Netanel na ɔdi wɔn anim. 16 Sebulon abusuakuo na wɔdi a Helon babarima Eliab na ɔdi wɔn anim. 17 Wɔtutuu Ahyiaeɛ Ntomadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wɔfiri Lewifoɔ mu no soaa Ahyiaeɛ Ntomadan no dii wɔn afa santen no mu.

18 Afei, Ruben abusuakuo tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur na na ɔdi wɔn anim. 19 Wɔn a na wɔdi so ne Simeon abusuakuo a Surisadai babarima Selumiel na na ɔdi wɔn anim; 20 Gad abusuakuo nso, na Deguel babarima Eliasaf na na ɔdi wɔn anim. 21 Ɛnna Kohatfoɔ no nso na na wɔdi a wɔsoso kronkronbea nneɛma. Wɔduruu no, na wɔahyehyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no beaeɛ foforɔ dada.

22 Wɔn a na wɔdi so ne Efraim abusuakuo a na wɔdi wɔn frankaa akyi a Amihud babarima Elisama na ɔdi wɔn anim; 23 ɛnna wɔn a na wɔdi so ne Manase abusuakuo a Pedahsur babarima Gamaliel na na ɔdi wɔn anim; 24 afei, Benyamin abusuakuo na na wɔdi so a Gideoni babarima Abidan na na ɔdi wɔn anim.

25 Wɔn a na wɔtwa toɔ koraa no ne abusuakuo a na Dan abusuakuo frankaa di wɔn anim a na wɔn panin ne Amisadai babarima Ahieser no. 26 Okran babarima Pagiel na na ɔdi Aser abusuakuo anim. 27 Ɛnna na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuo anim. 28 Saa nhyehyɛeɛ yi na mmusuakuo yi faa so tuu wɔn kwan no.

29 Ɛda bi, Mose ka kyerɛɛ nʼakonta Hobab, Midiani Reuel ba , "Yei nyinaa akyi no, yɛrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yie; ɛfiri , Awurade ahyɛ Israelfoɔ a emu den!"

30 Nanso nʼakonta no buaa no , "Dabi, ɛsɛ mekɔ mʼasase so ne mʼabusuafoɔ nkyɛn."

31 Mose srɛɛ , "Tena yɛn nkyɛn, ɛfiri , wo na wonim sɛdeɛ ɛserɛ so asetena teɛ enti wo ho bɛba mfasoɔ ama yɛn. 32 woba a, nneɛma pa a Awurade de bɛma yɛn no nyinaa, wobɛnya bi."

33 Wɔfiri Awurade Bepɔ so no, wɔnantee nnansa a Awurade Adaka no di wɔn anim wɔrekɔpɛ baabi a wɔbɛsoeɛ. 34 Wɔfirii wɔn akwantuo no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na Awurade omununkum no di wɔn anim.

35 Wɔmaa adaka no so kɔɔ wɔn anim kakra no, Mose teaam ,

"Ao, Awurade, sɔre!

Na hwete wʼatamfoɔ;

ma wɔn nyinaa nnwane mfiri wʼanim."

36 Wɔsoɛɛ adaka no, ɔkaa ,

"Ao, Awurade, sane bra

Israelfoɔ ɔpepe no mu."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-